< 2 Berɛsosɛm 3 >

1 Na Salomo hyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔ so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wɔsii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ, beaeɛ a Dawid yi too hɔ no.
Then Solomon began to build the house of the LORD at Jerusalem on Mount Moriah, where he appeared to David his father, at the place that David had designated, on the threshing floor of Ornan the Jebusite.
2 Salomo dii adeɛ no, ne mfeɛ ɛnan so, Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wɔhyɛɛ ɛdan no sie ase.
And he began to build in the second month, in the fourth year of his reign.
3 Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem atweeɛmu yɛ anammɔn aduɔkron, ɛnna ne tɛtrɛtɛ mu yɛ anammɔn aduasa.
Now these are the foundations which Solomon laid for the building of God's house. The length, using the former standard measure, was one hundred three feet and four inches, and the breadth was thirty-four feet and five inches, and its height was fifty-one feet and eight inches.
4 Ntwonoo a ɛwɔ Asɔredan no anim tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Afasuo a ɛwɔ ntwonoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwonoo no ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduasa.
The porch that was in front of the house was the same as the width of the house, thirty-four feet and five inches, and the depth was seventeen feet and three inches; and he overlaid it on the inside with pure gold.
5 Pepeaa nnua na wɔde samm Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ amapa guu so, dii mmɛdua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinnie wɔ so.
The greater house he made a ceiling with fir wood, which he overlaid with fine gold, and ornamented it with palm trees and chains.
6 Aboɔdemmoɔ a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛfiri Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasuo ho.
He garnished the house with precious stones for beauty: and the gold was gold of Parvaim.
7 Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasuo, afadum, apono ne aboboano nyinaa ho, na wɔdii Kerubim sɛso adwinnie wɔ afasuo no ho.
He overlaid also the house, the beams, the thresholds, and its walls, and its doors, with gold; and engraved cherubim on the walls.
8 Na Kronkron mu Kronkron hɔ tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, nʼatweeɛmu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ amapa bɛyɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmiɛnsa na wɔde guu so.
He made the most holy house: its length, according to the breadth of the house, was thirty-four feet and five inches, and its breadth thirty-four feet and five inches; and he overlaid it with fine gold, amounting to six hundred talents.
9 Sikakɔkɔɔ nnadewa a ebiara kari bɛyɛ gram ahanum ne aduɔson enum na wɔde dii ɛdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ amapa na wɔde guu soro adan no afasuo ani.
The weight of the nails was fifty shekels of gold. He overlaid the upper rooms with gold.
10 Salomo yɛɛ Kerubim sɛso mmienu, de sikakɔkɔɔ amapa guu ho. Wɔde yeinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ.
In the most holy house he made two cherubim of sculptured work; and he overlaid them with gold.
11 Kerubim mmienu no a wɔsisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ataban baako a ɛpem ɔfasuo no tentene yɛ anammɔn nson ne fa. Ataban baako no nso a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛne Kerubim baako no ataban hyia.
The wings of the cherubim were thirty-four feet and five inches: the wing of the one was eight feet and seven inches, reaching to the wall of the house; and the other wing was eight feet and seven inches, reaching to the wing of the other cherub.
12 Saa ara nso na Kerubim a ɔtɔ so mmienu no ataban baako mu ntrɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, na ɛpem Asɔredan no ɔfasuo a ɛne ɔfasuo baako no di nhwɛanim. Ataban baako a aka no nso ntrɛmu a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛhyia Kerubim a ɛdi ɛkan no ataban baako.
The wing of the other cherub was eight feet and seven inches, reaching to the wall of the house; and the other wing was eight feet and seven inches, joining to the wing of the other cherub.
13 Enti, na Kerubim mmienu no ntaban mu ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu.
The wings of these cherubim were extended thirty-four feet and five inches: and they stood on their feet, and their faces were toward the house.
14 Salomo de ntwamutam a ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwono Kerubim nsɛsodeɛ agu mu, sɛnee Kronkron mu Kronkron no kwan ano.
He made the veil of blue, and purple, and crimson, and fine linen, and ornamented it with cherubim.
15 Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Na ntaasoɔ kata emu biara atifi a ɛno nso ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa.
Also he made before the house two pillars sixty feet and three inches high, and the capital that was on the top of each of them was eight feet and seven inches.
16 Ɔyɛɛ ntweaban nsosɔmu, de siesiee afadum no atifi. Ɔsane yɛɛ ateaa aba nsɛso fɛfɛ de sosɔɔ ntweaban no mu.
He made chains in the inner sanctuary, and put them on the tops of the pillars; and he made one hundred pomegranates, and put them on the chains.
17 Afei, ɔde afadum mmienu no sisii Asɔredan no ano ɛkwan ano. Ɔde baako sii ɛkwan no anafoɔ fam no ano, ɛnna ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no edin Yakin, ɛnna deɛ ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no edin Boas.
He set up the pillars before the temple, one on the right hand, and the other on the left; and called the name of that on the right hand Jakin, and the name of that on the left Boaz.

< 2 Berɛsosɛm 3 >