< 2 Berɛsosɛm 27 >

1 Yotam dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa. 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no. Yotam deɛ, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no. Nanso, ɔmanfoɔ no toaa wɔn nnebɔneyɛ so. 3 Yotam sane yɛɛ Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, ɛnna ɔsane yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasuo a ɛwɔ Ofel bepɔ so no. 4 Ɔkyekyeree nkuro wɔ Yuda mmepɔ asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeammea a wɔadua nnua. 5 Yotam tuu Amonfoɔ so sa, dii wɔn so nkonim. Mfeɛ mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no deɛ, ɔgyee wɔn apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno 3.4, ayuo susukora ɔpeduonum ne atokoɔ susukora ɔpeduonum. 6 Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔde ahwɛyie yɛɛ ɔsetie maa Awurade, ne Onyankopɔn. 7 Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ a nʼakodie ne ne nneyɛeɛ ahodoɔ ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nwoma mu. 8 Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. 9 Yotam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kurom na ne babarima Ahas, na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

< 2 Berɛsosɛm 27 >