< 2 Berɛsosɛm 25 >

1 Amasia dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem. 2 Amasia yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani, nanso na ɛmfiri nʼakoma nyinaa mu. 3 Ɛberɛ a Amasia timiiɛ wɔ nʼahennie mu yie no, ɔkunkumm mmarima a wɔkumm nʼagya no. 4 Nanso, wankunkum awudifoɔ no mma, ɛfiri sɛ, ɔtiee Awurade ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkunkum awofoɔ wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ enti, anaa wɔkunkum mma wɔ awofoɔ bɔne a wɔayɛ enti. Wɔn a wɔsɛ owuo no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn nnebɔne enti. 5 Ade foforɔ a Amasia yɛeɛ ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ foforɔ wɔ akodɔm no mu, de ntuanofoɔ tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkanee wɔn hunuu sɛ nʼakodɔm no dodoɔ ano si mmarima ɔpehasa a ɛyɛ wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ, na wɔatete wɔn nyinaa wɔ peatoɔ ne nkataboɔkura mu. 6 Ɔsane tuaa dwetɛ tɔno 3.4 sɛ apaabɔdeɛ maa Israel mmarima ɔpeha a wɔnim akodie yie. 7 Nanso, Onyankopɔn onipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Ao ɔhene, ntua sika mfa akodɔm mfiri Israel, ɛfiri sɛ, Awurade nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wɔfiri Efraim no. 8 Sɛ woma wɔkɔka wʼakodɔm ho kɔ ɔko, na moko sɛ ɛdeɛn ara a, wɔbɛdi mo so nkonim. Onyankopɔn bɛtu mo agu, ɛfiri sɛ, ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.” 9 Amasia bisaa Onyankopɔn onipa no sɛ, “Na dwetɛ a metua kɔbɔɔ Israel akodɔm paa no nso menyɛ no ɛdeɛn?” Onyankopɔn onipa no buaa sɛ, “Awurade bɛtumi ama wo deɛ ɛsene sei koraa.” 10 Enti, Amasia pɔnn akodɔm a ɔbɔɔ wɔn paa no, maa wɔsane kɔɔ Efraim. Yei maa wɔn bo fuu Yuda, na wɔsane de abufuhyeɛ kɔɔ efie. 11 Na Amasia sii ne bo, dii nʼakodɔm anim, kɔɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. Ɛhɔ na wɔkumm Edomfoɔ akodɔm a wɔfiri Seir no ɔpedu. 12 Wɔkyekyeree ɔpedu bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kɔsunsumm wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔ no ase no so, tetee pasapasa. 13 Na akodɔm a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsane kɔeɛ no tohyɛɛ Yuda nkuro bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wɔkunkumm nnipa mpensa, tasee asadeɛ bebree. 14 Ɛberɛ a ɔhene Amasia dii Edomfoɔ so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase firii Seirfoɔ nkyɛn kaa ne ho baeɛ. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotoo wɔn anim, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn. 15 Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie enti, ɔsomaa odiyifoɔ sɛ ɔnkɔbisa sɛ, “Adɛn enti na wosom anyame a mpo wɔntumi nnye wɔn ankasa nkurɔfoɔ nkwa mfiri wɔn nsam?” 16 Nanso, ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkaa sɛ, “Da bɛn na mebisaa wo afotuo? Mua wʼano na mankum wo!” Enti, ansa na odiyifoɔ no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Menim sɛ ɛsiane sɛ woayɛ saa enti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ, woantie mʼafotuo.” 17 Akyire a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufoɔ nkyɛn kɔbisaa afotuo no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nana nso anim sɛ, “Bra na yɛnni ako.” 18 Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no. 19 Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?” 20 Amasia yɛɛ asoɔden, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn resiesie ɛkwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsomm Edom anyame no enti. 21 Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakodɔm ano kɔtiaa Yudahene Amasia. Akodɔm mmienu no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. 22 Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa wɔbɔɔ ahweteɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom. 23 Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsane de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakodɔm sɛ, wɔnsɛe Yerusalem ɔfasuo no anammɔn ahansia a ɛfiri Efraim ɛpono ano, kɔsi Twɛtwɛwa Ɛpono no ano. 24 Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfie hɔ mu nneɛma kaa nnommumfoɔ no ho, na ɔsane kɔɔ Samaria. 25 Israelhene Yoas owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfirinhyia dunum. 26 Amasia ahennie ho nsɛm nkaeɛ a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu. 27 Amasia danee ne ho firii Awurade akyi no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem. Ɛno enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ somaa awudifoɔ, tii no kɔkumm no wɔ hɔ. 28 Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem bɛsiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom.

< 2 Berɛsosɛm 25 >