< 2 Berɛsosɛm 24 >

1 Yoas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ nson, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduanan. Na ne maame din de Sibia a ɔfiri Beer-Seba.
Joash was seven years old when he began to reign, and he reigned forty years in Jerusalem. His mother’s name was Zibiah, of Beersheba.
2 Yoas yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, ɔsɔfoɔ Yehoiada nkwa nna nyinaa.
Joash did that which was right in Yahweh’s eyes all the days of Jehoiada the priest.
3 Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmammarima ne mmammaa.
Jehoiada took for him two wives, and he became the father of sons and daughters.
4 Akyire no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no.
After this, Joash intended to restore Yahweh’s house.
5 Enti, ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ Yuda nkuro nyinaa so ntɛm, na monkɔgyegye afirinhyiatoɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi asiesie mo Onyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso, Lewifoɔ no ankɔ prɛko pɛ.
He gathered together the priests and the Levites, and said to them, “Go out to the cities of Judah, and gather money to repair the house of your God from all Israel from year to year. See that you expedite this matter.” However the Levites didn’t do it right away.
6 Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanin Yehoiada bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wommisaa Lewifoɔ no deɛ enti a wɔnkɔɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem nkɔgyegyee Asɔredan ho toɔ no? Mose, Awurade ɔsomfoɔ, gyegyee ɔman Israel saa toɔ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi asiesie Apam Ntomadan no.”
The king called for Jehoiada the chief, and said to him, “Why haven’t you required of the Levites to bring in the tax of Moses the servant of Yahweh, and of the assembly of Israel, out of Judah and out of Jerusalem, for the Tent of the Testimony?”
7 Mfeɛ pii mu no, otirimuɔdenfoɔ Atalia akyidifoɔ bɔ wuraa Onyankopɔn Asɔredan mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, wɔfa de somm Baal ahoni.
For the sons of Athaliah, that wicked woman, had broken up God’s house; and they also gave all the dedicated things of Yahweh’s house to the Baals.
8 Enti, afei, Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɛkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan no akyi.
So the king commanded, and they made a chest, and set it outside at the gate of Yahweh’s house.
9 Enti, wɔde too Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim sɛ, wɔmfa ɛtoɔ a Mose, Onyankopɔn ɔsomfoɔ gyegyee Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so no mmrɛ Awurade.
They made a proclamation through Judah and Jerusalem, to bring in for Yahweh the tax that Moses the servant of God laid on Israel in the wilderness.
10 Ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no penee so, enti wɔde anigyeɛ de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma.
All the princes and all the people rejoiced, and brought in, and cast into the chest, until they had filled it.
11 Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifoɔ no soa de kɔma ɔhene mpanimfoɔ. Na asɛnniiɛ twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin ananmusini bi akan sika no, na wɔasane de adaka no akɔsi Asɔredan no ɛpono ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wɔnyaa sika bebree.
Whenever the chest was brought to the king’s officers by the hand of the Levites, and when they saw that there was much money, the king’s scribe and the chief priest’s officer came and emptied the chest, and took it, and carried it to its place again. Thus they did day by day, and gathered money in abundance.
12 Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansie sohwɛfoɔ, ma wɔfaa adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ, ma wɔsiesiee Awurade Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnadeɛ adwumfoɔ maa wɔde nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ Awurade Asɔredan no ho nneɛma.
The king and Jehoiada gave it to those who did the work of the service of Yahweh’s house. They hired masons and carpenters to restore Yahweh’s house, and also those who worked iron and bronze to repair Yahweh’s house.
13 Na mmarima a wɔhwɛ ɛdan no nsiesie so no yɛɛ adwumaden ma adwuma no kɔɔ so sɛdeɛ ɛfata. Wɔsii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dada no sɛso na wɔhyɛɛ mu den.
So the workmen worked, and the work of repairing went forward in their hands. They set up God’s house as it was designed, and strengthened it.
14 Wɔwiee nsiesie no, wɔde sika no nkaeɛ brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a nkwankoraa ne atam ahodoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde kɔguu Awurade asɔredan no mu. Ɛberɛ a na ɔsɔfoɔ Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
When they had finished, they brought the rest of the money before the king and Jehoiada, from which were made vessels for Yahweh’s house, even vessels with which to minister and to offer, including spoons and vessels of gold and silver. They offered burnt offerings in Yahweh’s house continually all the days of Jehoiada.
15 Yehoiada nyinii yie, ɔwuiɛ no na wadi mfirinhyia ɔha ne aduasa.
But Jehoiada grew old and was full of days, and he died. He was one hundred thirty years old when he died.
16 Wɔsiee no ahemfo asieeɛ wɔ Dawid kurom, ɛfiri sɛ, na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no.
They buried him in David’s city among the kings, because he had done good in Israel, and toward God and his house.
17 Yehoiada owuo akyi no, Yuda ntuanofoɔ bɛkotoo ɔhene Yoas anim, srɛɛ no sɛ ɔntie wɔn afotuo.
Now after the death of Jehoiada, the princes of Judah came and bowed down to the king. Then the king listened to them.
18 Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛgya Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera afɔrebukyia no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuo baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne enti.
They abandoned the house of Yahweh, the God of their fathers, and served the Asherah poles and the idols, so wrath came on Judah and Jerusalem for this their guiltiness.
19 Awurade somaa adiyifoɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene.
Yet he sent prophets to them to bring them again to Yahweh, and they testified against them; but they would not listen.
20 Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Sakaria so. Ɔgyinaa nnipa no anim kaa sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na monni Awurade ahyɛdeɛ so? Morennya nkɔsoɔ ɛfiri sɛ, moagya Awurade ama ɔno nso agya mo!”
The Spirit of God came on Zechariah the son of Jehoiada the priest; and he stood above the people, and said to them, “God says, ‘Why do you disobey Yahweh’s commandments, so that you can’t prosper? Because you have forsaken Yahweh, he has also forsaken you.’”
21 Na ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Sakaria ho sɛ wɔbɛkum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wɔsii no aboɔ, kumm no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ hɔ.
They conspired against him, and stoned him with stones at the commandment of the king in the court of Yahweh’s house.
22 Na ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne babarima. Sakaria rewuo no, nsɛm a ɔka twaa toɔ ne sɛ, “Awurade nhunu deɛ wɔreyɛ na ɔmma wɔmmu ho akonta!”
Thus Joash the king didn’t remember the kindness which Jehoiada his father had done to him, but killed his son. When he died, he said, “May Yahweh look at it, and repay it.”
23 Afe no ahyɛaseɛ no, Aram akodɔm bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛeɛ, kunkumm ntuanofoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asadeɛ a wɔnyaeɛ nyinaa, de kɔmaa wɔn ɔhene wɔ Damasko.
At the end of the year, the army of the Syrians came up against him. They came to Judah and Jerusalem, and destroyed all the princes of the people from among the people, and sent all their plunder to the king of Damascus.
24 Ɛwom sɛ Aram dɔm a wɔkɔto hyɛɛ wɔn so no sua deɛ, nanso, Awurade boaa wɔn maa wɔdii Yuda akodɔm kɛseɛ no so nkonim. Yudafoɔ gyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, ɛno enti Awurade buu atɛn tiaa Yoas.
For the army of the Syrians came with a small company of men; and Yahweh delivered a very great army into their hand, because they had forsaken Yahweh, the God of their fathers. So they executed judgment on Joash.
25 Aramfoɔ twee wɔn ho na wɔgyaa Yoas a na wapira yie no hɔ. Nanso, ɔno ankasa mpanimfoɔ dwenee ho sɛ, ɛsiane sɛ ɔkumm ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima enti, wɔbɛkum no. Wɔkumm no wɔ ɛberɛ a ɔda mpa so. Na wɔsiee no Dawid kurom a wɔankɔsie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ.
When they had departed from him (for they left him seriously wounded), his own servants conspired against him for the blood of the sons of Jehoiada the priest, and killed him on his bed, and he died. They buried him in David’s city, but they didn’t bury him in the tombs of the kings.
26 Na awudifoɔ no yɛ Yosabat a ɔyɛ Amonni baa Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabni baa Simrit babarima.
These are those who conspired against him: Zabad the son of Shimeath the Ammonitess and Jehozabad the son of Shimrith the Moabitess.
27 Wɔatwerɛ nsɛm a ɛfa Yoas mmammarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no nsiesie wɔ Ahene nwoma nkyerɛmu no mu. Yoas wuiɛ no, ne babarima Amasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Now concerning his sons, the greatness of the burdens laid on him, and the rebuilding of God’s house, behold, they are written in the commentary of the book of the kings. Amaziah his son reigned in his place.

< 2 Berɛsosɛm 24 >