< 2 Berɛsosɛm 13 >

1 Ɛberɛ a Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel no, ne mfeɛ dunwɔtwe so, na Abia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Yuda.
In the eighteenth year of king Jeroboam began Abijah to reign over Judah.
2 Ɔdii ɔhene mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Uriel a ɔfiri Gibea no babaa. Na ɔko baa Abia ne Yeroboam ntam.
He reigned three years in Jerusalem: and his mother's name was Maacah the daughter of Uriel of Gibeah. There was war between Abijah and Jeroboam.
3 Ɔhene Abia de akofoɔ akɛseɛ mpem ahanan dii Yuda anim, kɔhyiaa Yeroboam a ɔno nso akɔfa mmarima akofoɔ akokoɔdurufoɔ ɔpeha nwɔtwe afiri Israel.
Abijah joined battle with an army of valiant men of war, even four hundred thousand chosen men: and Jeroboam set the battle in array against him with eight hundred thousand chosen men, who were mighty men of valor.
4 Ɛberɛ a Yuda akodɔm no duruu Efraim mmepɔ nsase no so no, Abia gyinaa bepɔ Semaraim so, teaam kyerɛɛ Yeroboam ne Israelfoɔ akodɔm no sɛ, “Montie me!
Abijah stood up on Mount Zemaraim, which is in the hill country of Ephraim, and said, "Hear me, Jeroboam and all Israel:
5 Monnim sɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ne Dawid yɛɛ daa apam de Israel ahennwa maa ɔne nʼasefoɔ afebɔɔ?
Ought you not to know that YHWH, the God of Israel, gave the kingdom over Israel to David forever, even to him and to his descendants by a covenant of salt?
6 Nanso, Nebat babarima Yeroboam a na ɔyɛ Dawid babarima Salomo ɔsomfoɔ teta bi no bɛyɛɛ ne wura ɔfatwafoɔ.
Yet Jeroboam the son of Nebat, the servant of Solomon the son of David, rose up, and rebelled against his lord.
7 Na ɛmaa ahuhufoɔ dɔm kɔboaa no, bu faa Salomo babarima Rehoboam so na ɛsiane sɛ na ɔnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu biara enti, wantumi annyina ne wɔn anni asie.
There were gathered to him worthless men, base fellows, who strengthened themselves against Rehoboam the son of Solomon, when Rehoboam was young and tenderhearted, and could not withstand them.
8 “Wogye di yie sɛ wobɛtumi agyina, atia Awurade ahennie a Dawid asefoɔ tua ano? Wʼakodɔm no so yie. Nantwie mma a Yeroboam de sikakɔkɔɔ yɛeɛ ne mo anyame.
"Now you think to withstand the kingdom of YHWH in the hand of the descendants of David; and you are a great multitude, and there are with you the golden calves which Jeroboam made you for gods.
9 Woapam Awurade asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, na woahyɛ wʼankasa asɔfoɔ te sɛ abosomman no pɛ. Ɛnnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfoɔ. Obiara a ɔde nantwie ba ne nnwennini nson bɛba sɛ wɔnnyina so nhyɛ no ɔsɔfoɔ no, ɔtumi bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma saa mo anyame no.
Haven't you driven out the priests of YHWH, the sons of Aaron, and the Levites, and made priests for yourselves after the ways of the peoples of other lands? so that whoever comes to consecrate himself with a young bull and seven rams, the same may be a priest of those who are no gods.
10 “Na yɛn deɛ, Awurade ne yɛn Onyankopɔn, na yɛnnyaa no da. Aaron asefoɔ nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfoɔ, na Lewifoɔ nko ara na wɔtumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadie mu.
"But as for us, YHWH is our God, and we have not forsaken him; and we have priests ministering to YHWH, the descendants of Aaron, and the Levites in their work:
11 Wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne ɔhyeɛ aduhwam brɛ Awurade daa anɔpa ne anwummerɛ. Wɔde Hyiadan mu Burodo no to ɛpono kronkron no so, na daa anwummerɛ, wɔsɔ sikakɔkɔɔ kaneadua no. Yɛredi Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyerɛkyerɛ so, nanso moagya no.
and they burn to YHWH every morning and every evening burnt offerings and sweet incense. They also set the show bread in order on the pure table; and the lampstand of gold with its lamps, to burn every evening: for we keep the instruction of YHWH our God; but you have forsaken him.
12 Enti, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Ɔno ne yɛn kannifoɔ. Nʼasɔfoɔ hyɛn wɔn totorobɛnto, di yɛn anim, de yɛn kɔ ɔko tia mo. Ao Israelfoɔ, monnko ntia Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, na morenni nkonim.”
Look, God is with us at our head, and his priests with the trumpets of alarm to sound an alarm against you. Children of Israel, do not fight against YHWH, the God of your fathers; for you shall not prosper."
13 Nanso, na Yeroboam ayɛ nwaa ama nʼakodɔm a wɔwɔ hɔ no bi afa Yuda mmarima akyi akɔtɛ wɔn.
But Jeroboam caused an ambush to come about behind them: so they were before Judah, and the ambush was behind them.
14 Ɛberɛ a Yuda hunuu sɛ wɔfiri wɔn anim ne wɔn akyi ato ahyɛ wɔn so no, wɔsu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. Na asɔfoɔ no hyɛnee ntotorobɛnto,
When Judah looked back, look, the battle was before and behind them; and they cried to YHWH, and the priests sounded with the trumpets.
15 na Yuda mmarima no hyɛɛ aseɛ teateaam. Wɔn ko no mu nteateamu no mu no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel akodɔm no guiɛ, wɔ Abia ne Yuda akodɔm anim.
Then the men of Judah gave a shout: and as the men of Judah shouted, it happened, that God struck Jeroboam and all Israel before Abijah and Judah.
16 Israel akodɔm no dwane firii Yuda, na Onyankopɔn maa Yuda dii nkonim.
The children of Israel fled before Judah; and God delivered them into their hand.
17 Abia ne nʼakodɔm kunkumm Israel akodɔm no bebree. Ɛda no, wɔn a wɔtotɔɔɛ wɔ Israel akodɔm a wɔdi mu no yɛ mpem ahanum.
Abijah and his people killed them with a great slaughter: so there fell down slain of Israel five hundred thousand chosen men.
18 Na Yuda dii Israel so nkonim, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no so.
Thus the children of Israel were brought under at that time, and the people of Judah prevailed, because they relied on YHWH, the God of their fathers.
19 Abia ne nʼakodɔm kɔɔ so taa Yeroboam akodɔm no, faa wɔn nkuro no bi te sɛ Bet-El, Yesana ne Efron ne ɛho nkurotoɔ.
Abijah pursued after Jeroboam, and took cities from him, Bethel with its towns, and Jeshanah with its towns, and Ephron with its towns.
20 Enti, ɛberɛ a Abia te ase no deɛ, Yeroboam a ɔyɛ Israelhene annya tumi biara, na akyire no, Awurade bɔɔ no ma ɔwuiɛ.
Jeroboam did not recover strength again in the days of Abijah. YHWH struck him, and he died.
21 Yudahene Abia kɔɔ so nyaa tumi. Ɔwaree yerenom dunan. Ɔwoo mmammarima aduonu mmienu ne mmaa dunsia.
But Abijah grew mighty, and took to himself fourteen wives, and became the father of twenty-two sons, and sixteen daughters.
22 Abia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne ne nsɛm ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Odiyifoɔ Ido Nkyerɛmu Nwoma mu.
The rest of the acts of Abijah, and his ways, and his sayings, are written in the commentary of the prophet Iddo.

< 2 Berɛsosɛm 13 >