< 1 Tesalonikafoɔ 5 >

1 Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ akyerɛ mo nna ne ɛberɛ a saa nsɛm yi bɛsisi.
Men om tider och stunder, käre bröder, är icke behof att skrifva eder.
2 Ɛfiri sɛ, mo ankasa monim yie sɛ ɛda a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfoɔ a ɔreba anadwo.
Ty I veten väl, att Herrans dag skall komma såsom en tjuf om nattena.
3 Ɛberɛ a nnipa bɛka sɛ, “biribiara yɛ asomdwoeɛ” no, saa ɛberɛ no na adesɛeɛ bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nnwane. Ɛbɛyɛ te sɛ yea a ɛba ɔpemfoɔ a ɔrewoɔ so no.
Derföre, när de varda sägande: Det är frid, och all ting utan fara; då skall dem hasteligit förderf öfverkomma, lika som födslopinan qvinnone påkommer, som hafvandes är; och de skola icke kunna undfly.
4 Nanso, mo anuanom yi deɛ, monte esum mu enti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfoɔ.
Men I, käre bröder, ären icke uti mörkret, att den dagen, såsom en tjuf, skall få eder fatt.
5 Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyeeɛ mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma.
Alle I ären ljusens barn, och dagsens barn; vi hörom icke nattene till, icke heller mörkret.
6 Ɛno enti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase.
Så låter oss nu icke sofva, såsom de andre; utan låter oss vaka och nyktre vara;
7 Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa boro nsã.
Ty de som sofva, de sofva om nattena; och de som druckne äro, de äro druckne om nattena.
8 Nanso yɛyɛ adekyeeɛ mma enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne yɛn nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ.
Men vi, som dagen tillhöre, skole nyktre vara, iklädde trones och kärlekens kräfveto, och salighetenes hopp för en hjelm.
9 Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yɛmmɛhunu amane wɔ nʼabufuo ano, na mmom, ɔyii yɛn sɛ yɛbɛnya nkwagyeɛ wɔ Awurade Yesu Kristo mu.
Ty Gud hafver icke satt oss till vrede, utan att äga salighet, genom vår Herra Jesum Christum;
10 Kristo wu maa yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛanyane anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu.
Den för oss död är; på det, ehvad vi vake eller sofve, skole vi lefva samt med honom.
11 Esiane saa enti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɛ yi.
Derföre förmaner eder inbördes, och uppbygger hvar den andra, såsom I ock gören.
12 Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ, momfa obuo ne anidie mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wɔnni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no.
Men vi bedje eder, käre bröder, att I kännen dem som arbeta ibland eder, och stå eder före i Herranom, och förmana eder;
13 Esiane adwuma a wɔyɛ no enti, mommu wɔn na monnɔ wɔn yie. Montena ase asomdwoeɛ mu.
Håller dem dess kärare, för deras verks skull; och varer fridsamme med dem.
14 Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ, monkasa nkyerɛ anihafoɔ, monka wɔn a wɔnyɛ hye no hye; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ; monto mo bo ase mma wɔn nyinaa.
Men vi bedje eder, käre bröder, förmaner de osediga, tröster de klenmodiga, hjelper de svaga, varer långmodige vid hvar man.
15 Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Ɛberɛ biara, momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.
Ser till, att ingen vedergäller någrom ondt för ondt; utan alltid farer efter det goda inbördes, och med hvar man.
16 Momma mo ani nnye da biara
Varer alltid glade.
17 na ɛberɛ biara nso, mommɔ mpaeɛ;
Bedjer utan återvändo.
18 biribiara mu, monna ase. Yei na Onyankopɔn hwehwɛ afiri mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.
Varer tacksamme i all ting; ty det är Guds vilje om eder, genom Jesum Christum.
19 Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ;
Utsläcker icke Andan.
20 monnsi adiyisɛm atwetwe.
Förakter icke Prophetier.
21 Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa deɛ ɛyɛ.
Men pröfver all ting, och behåller det godt är.
22 Na monkyiri bɔne biara.
Flyr allt det som ondt synes.
23 Na ɔno asomdwoeɛ Onyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo ɔkra ne mo onipadua so a ɛho remma asɛm biara kɔsi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba.
Men sjelfver fridsens Gud helge eder öfver allt, att edar hele ande, och själ, och kropp, måtte vara behållen utan straff, i vårs Herras Jesu Christi tillkommelse.
24 Ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
Han är trofast, som eder kallat hafver; den det ock väl fullbordar.
25 Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn.
Käre bröder, beder för oss.
26 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.
Helser alla bröderna uti en helig kyss.
27 Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu sɛ monkenkan saa nwoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.
Jag besvär eder vid Herran, att I denna Epistelen läsa låten för alla heliga bröderna.
28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
Vårs Herras Jesu Christi nåd vare med eder. Amen.

< 1 Tesalonikafoɔ 5 >