< 1 Samuel 8 >

1 Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne mmammarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufoɔ.
When Samuel was old, he made his sons judges over Israel.
2 Nʼabakan no din de Yoɛl ɛnna ne ba a ɔtɔ so mmienu no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufoɔ wɔ Beer-Seba.
Now the name of his firstborn was Joel, and the name of his second, Abijah. They were judges in Beersheba.
3 Nanso, na ne mmammarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibereɛ. Wɔgyegyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea.
His sons didn’t walk in his ways, but turned away after dishonest gain, took bribes, and perverted justice.
4 Enti, Israel mpanimfoɔ nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bɛdii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ.
Then all the elders of Israel gathered themselves together and came to Samuel to Ramah.
5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabɔ akɔkoraa, na wo mmammarima nso nnante wʼakwan so; enti, si ɔhene na ɔnni yɛn anim sɛdeɛ aman bebree yɛ noɔ no.”
They said to him, “Behold, you are old, and your sons don’t walk in your ways. Now make us a king to judge us like all the nations.”
6 Wɔn abisadeɛ no anyɛ Samuel dɛ enti, ɔkɔɔ Awurade anim kɔbisaa akwankyerɛ.
But the thing displeased Samuel when they said, “Give us a king to judge us.” Samuel prayed to Yahweh.
7 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Tie nsɛm a ɔmanfoɔ no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so ɔhene bio.
Yahweh said to Samuel, “Listen to the voice of the people in all that they tell you; for they have not rejected you, but they have rejected me as the king over them.
8 Ɛfiri ɛberɛ a meyii wɔn firi Misraim no bɛsi ɛnnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akɔdi anyame foforɔ akyi; na ɛnnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo.
According to all the works which they have done since the day that I brought them up out of Egypt even to this day, in that they have forsaken me and served other gods, so they also do to you.
9 Ɛno enti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibereɛ so, na ma wɔnhunu ɛkwan a ɔhene a ɔrebɛdi wɔn so no de wɔn bɛfa so.”
Now therefore, listen to their voice. However, you shall protest solemnly to them, and shall show them the way of the king who will reign over them.”
10 Enti, Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no.
Samuel told all Yahweh’s words to the people who asked him for a king.
11 “Sei na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmammarima akɔfra nʼasradɔm mu, na wɔama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim.
He said, “This will be the way of the king who shall reign over you: he will take your sons and appoint them as his servants, for his chariots and to be his horsemen; and they will run before his chariots.
12 Ebinom bɛyɛ nʼakodɔm mu asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa mu asomfoɔ. Wɔbɛhyɛ ebinom ma wɔafuntum nʼafuo, na wɔatwa nʼafudeɛ, na afoforɔ ayɛ nʼakodeɛ ne ne teaseɛnam ho nneɛma.
He will appoint them to him for captains of thousands and captains of fifties; and he will assign some to plow his ground and to reap his harvest; and to make his instruments of war and the instruments of his chariots.
13 Ɔhene no bɛgye mo mmammaa afiri mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuane, na wɔato nnuane, na wɔayɛ nnuhwam nso ama no.
He will take your daughters to be perfumers, to be cooks, and to be bakers.
14 Ɔbɛgye mo mfuo ne mo bobe mfuo ne mo ngo mfuo a ɛyɛ no afiri mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfoɔ.
He will take your fields, your vineyards, and your olive groves, even your best, and give them to his servants.
15 Ɔbɛgye mo mfudeɛ mu nkyɛmu edu mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasomfoɔ.
He will take one tenth of your seed and of your vineyards, and give it to his officers and to his servants.
16 Ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛnya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwie papa ne mo mfunumu de wɔn ayɛ nʼadwuma.
He will take your male servants, your female servants, your best young men, and your donkeys, and assign them to his own work.
17 Ɔbɛgye mo nnwan mu nkyɛmu edu mu baako na moayɛ nʼasomfoɔ.
He will take one tenth of your flocks; and you will be his servants.
18 Sɛ ɛda no duru a, mobɛsrɛ ahomegyeɛ afiri saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso Awurade remmoa mo.”
You will cry out in that day because of your king whom you will have chosen for yourselves; and Yahweh will not answer you in that day.”
19 Nanso, ɔmanfoɔ no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkaeɛ ara ne sɛ, “Sɛ ɛte sɛn koraa a, yɛpɛ ɔhene.
But the people refused to listen to the voice of Samuel; and they said, “No, but we will have a king over us,
20 Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn ɔhene bɛdi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.”
that we also may be like all the nations; and that our king may judge us, and go out before us, and fight our battles.”
21 Enti, Samuel kaa asɛm a nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Awurade,
Samuel heard all the words of the people, and he rehearsed them in the ears of Yahweh.
22 na Awurade buaa sɛ, “Yɛ deɛ wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom.
Yahweh said to Samuel, “Listen to their voice, and make them a king.” Samuel said to the men of Israel, “Everyone go to your own city.”

< 1 Samuel 8 >