< 1 Samuel 28 >

1 Saa ɛberɛ no mu, Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Merehwɛ kwan sɛ, wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no.”
In those days, the Philistines gathered their armies together for warfare, to fight with Israel. Achish said to David, “Know assuredly that you will go out with me in the army, you and your men.”
2 Dawid penee so sɛ, “Ɛyɛ pa ara, woankasa bɛhunu deɛ yɛbɛtumi ayɛ.” Akis kaa sɛ, “Mɛyɛ wo me hobanbɔfoɔ afebɔɔ.”
David said to Achish, “Therefore you will know what your servant can do.” Achish said to David, “Therefore I will make you my bodyguard forever.”
3 Saa ɛberɛ yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwoɔ. Wɔsiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa ɛberɛ no, na Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ afiri asase no so.
Now Samuel was dead, and all Israel had mourned for him and buried him in Ramah, even in his own city. Saul had sent away those who had familiar spirits and the wizards out of the land.
4 Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano, kyeree sraban wɔ Sunem. Ɛnna Saulo nso boaboaa Israelfoɔ no nyinaa ano, kyeree sraban wɔ Gilboa.
The Philistines gathered themselves together, and came and encamped in Shunem; and Saul gathered all Israel together, and they encamped in Gilboa.
5 Ɛberɛ a Saulo hunuu Filistifoɔ akodɔm dodoɔ no, ɔsuroeɛ, maa ehu bɛhyɛɛ nʼakoma ma.
When Saul saw the army of the Philistines, he was afraid, and his heart trembled greatly.
6 Ɔbisaa Awurade deɛ ɔnyɛ nanso Awurade ammua no, wɔ adaeɛsoɔ anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifoɔ so.
When Saul inquired of Yahweh, Yahweh didn’t answer him by dreams, by Urim, or by prophets.
7 Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufoɔ sɛ, “Monhwehwɛ ɔbaa samanfrɛfoɔ bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa.” Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Ɔbaa samanfrɛfoɔ bi wɔ Endor.”
Then Saul said to his servants, “Seek for me a woman who has a familiar spirit, that I may go to her and inquire of her.” His servants said to him, “Behold, there is a woman who has a familiar spirit at Endor.”
8 Enti, Saulo sesaa ne ho, hyɛɛ ntadeɛ afoforɔ nsakyeramu bi a ɛnyɛ ɔhene afadeɛ, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Saulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wobɛtumi afrɛ ne sunsum ama me anaa?”
Saul disguised himself and put on other clothing, and went, he and two men with him, and they came to the woman by night. Then he said, “Please consult for me by the familiar spirit, and bring me up whomever I shall name to you.”
9 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Wopɛ sɛ wɔkum me anaa? Wonim sɛ Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ nyinaa afiri asase yi so. Adɛn enti na wosum me afidie?”
The woman said to him, “Behold, you know what Saul has done, how he has cut off those who have familiar spirits and the wizards out of the land. Why then do you lay a snare for my life, to cause me to die?”
10 Saulo de Awurade din kaa no ntam sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ yei ho da.”
Saul swore to her by Yahweh, saying, “As Yahweh lives, no punishment will happen to you for this thing.”
11 Afei, ɔbaa no bisaa sɛ, “Hwan na memfrɛ no mma wo?” Ɔbuaa sɛ, “Frɛ Samuel ma me.”
Then the woman said, “Whom shall I bring up to you?” He said, “Bring Samuel up for me.”
12 Na ɔbaa no hunuu Samuel no, ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “woadaadaa me! Wone Saulo!”
When the woman saw Samuel, she cried with a loud voice; and the woman spoke to Saul, saying, “Why have you deceived me? For you are Saul!”
13 Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro. Ɛdeɛbɛn na wohunu?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Mehunu honhom bi sɛ apue afiri fam reba.”
The king said to her, “Don’t be afraid! What do you see?” The woman said to Saul, “I see a god coming up out of the earth.”
14 Saulo bisaa sɛ, “Ɔte sɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Akɔkoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba.” Ɛhɔ na Saulo hunuu sɛ ɛyɛ Samuel enti, ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuu fam.
He said to her, “What does he look like?” She said, “An old man comes up. He is covered with a robe.” Saul perceived that it was Samuel, and he bowed with his face to the ground, and showed respect.
15 Samuel bisaa sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me de ha me saa?” Saulo buaa sɛ, “Ɛfiri sɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifoɔ de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agya me. Mente ne nka wɔ adiyifoɔ nkyɛn anaa daeɛso mu. Enti, mafrɛ wo sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ.”
Samuel said to Saul, “Why have you disturbed me, to bring me up?” Saul answered, “I am very distressed; for the Philistines make war against me, and God has departed from me, and answers me no more, by prophets, or by dreams. Therefore I have called you, that you may make known to me what I shall do.”
16 Na Samuel buaa sɛ, “Sɛ Awurade agya wo, abɛyɛ wo ɔtamfoɔ a, adɛn enti na worebisa me?
Samuel said, “Why then do you ask me, since Yahweh has departed from you and has become your adversary?
17 Awurade ayɛ deɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wagye ahennie no afiri wo nsam de ama Dawid a ɔne wo resi akan.
Yahweh has done to you as he spoke by me. Yahweh has torn the kingdom out of your hand and given it to your neighbor, even to David.
18 Awurade ayɛ saa, ɛfiri sɛ, woanni ne mmara a ɛfa Amalekfoɔ ho no so.
Because you didn’t obey Yahweh’s voice, and didn’t execute his fierce wrath on Amalek, therefore Yahweh has done this thing to you today.
19 Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafodɔm nyinaa bɛma Filistifoɔ, na wo ne wo mma abɛka me ho wɔ ha. Awurade bɛma Israel akodɔm no nyinaa adi nkoguo.”
Moreover Yahweh will deliver Israel also with you into the hand of the Philistines; and tomorrow you and your sons will be with me. Yahweh will deliver the army of Israel also into the hand of the Philistines.”
20 Samuel nsɛm a Saulo teeɛ no enti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam tim. Afei nso, na ɔnni ahoɔden biara, ɛfiri sɛ, na ɔnnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa.
Then Saul fell immediately his full length on the earth, and was terrified, because of Samuel’s words. There was no strength in him, for he had eaten no bread all day long or all night long.
21 Ɔbaa no hunuu adwenem haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mede me nkwa too hɔ, yɛɛ wʼabisadeɛ.
The woman came to Saul and saw that he was very troubled, and said to him, “Behold, your servant has listened to your voice, and I have put my life in my hand, and have listened to your words which you spoke to me.
22 Enti, yɛ deɛ mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, na mama wo biribi adi sɛdeɛ ɛbɛma woanya ahoɔden, asane akɔ wʼakyi.”
Now therefore, please listen also to the voice of your servant, and let me set a morsel of bread before you. Eat, that you may have strength when you go on your way.”
23 Nanso, Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ ɔnnidi. Enti, akyire yi, ɔpenee so sɔre firi fam hɔ, tenaa akonnwa so.
But he refused, and said, “I will not eat.” But his servants, together with the woman, constrained him; and he listened to their voice. So he arose from the earth and sat on the bed.
24 Na ɔbaa no ayɛn nantwie ba ama wadɔre sradeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔkumm no, na ɔfɔɔ asikyiresiam, fɔtɔeɛ de too apiti.
The woman had a fattened calf in the house. She hurried and killed it; and she took flour and kneaded it, and baked unleavened bread of it.
25 Ɔde aduane no bɛsii Saulo ne ne mmarima no anim, ma wɔdiiɛ. Na wɔfirii hɔ kɔɔ anadwo no.
She brought it before Saul and before his servants, and they ate. Then they rose up and went away that night.

< 1 Samuel 28 >