< 1 Samuel 14 >

1 Ɛda bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔsoa nʼakodeɛ sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifoɔ abɔ dɔmpem hɔ.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya.
Now it fell on a day, that Jonathan the son of Saul said to the young man who bore his armor, "Come, and let us go over to the Philistines' garrison, that is on the other side." But he did not tell his father.
2 Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban wɔ Gibea nkwantia wɔ ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase.
Saul stayed in the uttermost part of Gibeah under the pomegranate tree which is in Migron: and the people who were with him were about six hundred men;
3 (Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu.
and Ahijah, the son of Ahitub, Ichabod's brother, the son of Phinehas, the son of Eli, the priest of the LORD in Shiloh, wearing an ephod. The people did not know that Jonathan was gone.
4 Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam.
Between the passes, by which Jonathan sought to go over to the Philistines' garrison, there was a rocky crag on the one side, and a rocky crag on the other side: and the name of the one was Bozez, and the name of the other Seneh.
5 Ɔbotan a ɛtwere hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim.
The one crag rose up on the north in front of Michmash, and the other on the south in front of Geba.
6 Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔyɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Ma yɛntwam nkɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, biribiara ntumi nsi Awurade kwan. Ɔbɛtumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakodɔm dɔɔso anaa wɔsua.”
Jonathan said to the young man who bore his armor, "Come, and let us go over to the garrison of these uncircumcised. It may be that the LORD will work for us; for there is no restraint on the LORD to save by many or by few."
7 Aberanteɛ no kaa sɛ, “Yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara. Gyinaeɛ biara a wobɛsie no, metaa wʼakyi pintinn.”
His armor bearer said to him, "Do all that your heart inclines toward. Look, I am with you, my heart is as your heart."
8 Yonatan kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛbɛtwam akɔ hɔ, na yɛama wɔahunu yɛn.
Then Jonathan said, "Look, we will pass over to the men, and we will reveal ourselves to them.
9 Na sɛ wɔka sɛ, ‘Monnyina baabi a moaduru hɔ ara na anyɛ saa a, yɛbɛkum mo’ a, ɛnneɛ, yɛbɛgyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn.
If they say thus to us, 'Wait until we come to you.' then we will stand still in our place, and will not go up to them.
10 Na sɛ wɔka sɛ, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛnneɛ, yɛbɛforo akɔ ɔsoro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”
But if they say this, 'Come up to us.' then we will go up; for the LORD has delivered them into our hand. This shall be the sign to us."
11 Ɛberɛ a Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔreba no, wɔteam sɛ, “Monhwɛ o! Hebrifoɔ no na wɔreweawea afiri wɔn abɔn mu no!”
Both of them revealed themselves to the garrison of the Philistines: and the Philistines said, "Look, the Hebrews are coming out of the holes where they had hidden themselves."
12 Na wɔteam frɛɛ Yonatan sɛ, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”
The men of the garrison answered Jonathan and his armor bearer, and said, "Come up to us, and we will show you something." Jonathan said to his armor bearer, "Come up after me; for the LORD has delivered them into the hand of Israel."
13 Enti, wɔde wɔn nsa mmienu ne wɔn nan foroeɛ, na Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no kunkumm Filistifoɔ no benkum ne nifa, ma wɔtete kɔguiɛ.
Jonathan climbed up on his hands and on his feet, and his armor bearer after him. And they fell before Jonathan; and his armor bearer killed them after him.
14 Wɔkunkumm mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase no bɛyɛ sɛ eka fa so.
That first slaughter, which Jonathan and his armor bearer made, was about twenty men, within as it were half a furrow's length in an acre of land.
15 Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifoɔ nsraadɔm no wɔ sraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa ntohyɛsofoɔ no mpo. Ɛhɔ ara asase wosoeɛ, maa obiara akoma tuiɛ.
And there was a terror in the camp, in the field, and among all the people. The garrison and even the raiders were terrified. And the earth quaked, and it became a terror of God.
16 Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea no hunuu biribi a ɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛno ara ne sɛ, Filistifoɔ akodɔm no abɔ ahwete mmaa nyinaa.
And the watchmen of Saul in Gibeah of Benjamin saw, and look, the multitude was scattering here and there.
17 Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no sɛ, “Monhwɛ akodɔm no mu nhwɛ sɛ obi nni hɔ anaa.” Wɔhwehwɛeɛ hunuu sɛ Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no na na wɔnni hɔ.
Then Saul said to the people who were with him, "Count now, and see who is missing from us." When they had counted, look, Jonathan and his armor bearer were not there.
18 Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa ɛberɛ no na ɛwɔ Israelfoɔ nkyɛn.)
And Saul said to Ahijah, "Bring near the ephod," for he wore the ephod at that time before Israel.
19 Ɛberɛ a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfoɔ no, na basabasa a asi Filistifoɔ sraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti, Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ma yɛnkɔ.”
And it happened, while Saul was speaking to the priest, that the tumult that was in the camp of the Philistines went on and increased: and Saul said to the priest, "Withdraw your hand."
20 Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so, firii akono hɔ kɔhunuu sɛ, Filistifoɔ no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasayɛ nko ara.
Saul and all the people who were with him were gathered together, and came to the battle: and look, every man's sword was against his fellow: a very great confusion.
21 Mpo, Hebrifoɔ a na wɔdɔm Filistifoɔ akodɔm no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfoɔ nkaeɛ no.
Now the Hebrews who were with the Philistines as before, and who went up with them into the camp, they too turned to be with the Israelites who were with Saul and Jonathan.
22 Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛ wɔ mmepɔ mu no hunuu sɛ Filistifoɔ no redwane no, kaa wɔn so bi.
Likewise all the men of Israel who had hidden themselves in the hill country of Ephraim, when they heard that the Philistines fled, even they also followed closely after them in the battle.
23 Enti, Awurade gyee Israel ɛda no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen.
So the LORD saved Israel that day, and the battle passed over by Beth Aven. And all the people with Saul were about ten thousand men. And the battle extended itself into every city in the hill country of Ephraim.
24 Afei, saa ɛda no na Israelfoɔ no abrɛbrɛ, ɛfiri sɛ, na Saulo ama wɔaka ntam sɛ, “Nnome mmra obiara a ɔbɛdidi ansa na onwunu atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfoɔ no so were.” Enti, obiara amfa hwee anka nʼano ɛda mu no nyinaa,
And Saul committed a great blunder that day, for he had placed the people under an oath, saying, "Cursed is the man who eats any food until it is evening, and I am avenged of my enemies." So none of the people tasted food.
25 ɛwom, wɔhunuu sɛ ɛwoɔ kyɛm da fam wɔ kwaeɛ no ase.
All the people came into the forest; and there was honey on the ground.
26 Wɔamfa wɔn nsa ansɔ ɛwoɔ no mu mpo, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no.
When the people had come to the forest, look, a flow of honey, but no man would raise his hand to his mouth; for the people feared the oath.
27 Nanso, na Yonatan deɛ, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwoɔ kyɛm no mu, dii ɛwoɔ no bi. Ɔdi wieeɛ no, ne ho baee no.
But Jonathan did not hear when his father commanded the people with the oath, so he put forth the end of the staff that was in his hand, and dipped it in the honeycomb, and raised his hand to his mouth, and his eyes brightened.
28 Nanso, mmarima no mu baako hunuu no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya maa asraafoɔ no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a ɔbɛdidi ɛnnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno enti, na obiara ahodwo no.”
Then one of the people answered, and said, "Your father directly commanded the people with an oath, saying, 'Cursed is the man who eats food this day.'" The people were faint.
29 Na Yonatan teaam sɛ, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte seyie no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwoɔ kakra a mediiɛ yi, me ho asisi me ho so.
Then Jonathan said, "My father has troubled the land. Please look how my eyes have been enlightened, because I tasted a little of this honey.
30 Sɛ mmarima no nyaa ɛkwan dii nnuane a wɔhunuu wɔ yɛn atamfoɔ no nkyɛn a, anka mo ara mobɛhunu wɔn dodoɔ a yɛbɛkum aka ho.”
How much better if the people had eaten freely today of the spoil of their enemies when they found it, for the slaughter among the Philistines would have been greater."
31 Nanso, ɛkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifoɔ no ɛda mu no nyinaa firi Mikmas, kɔsii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso.
They struck of the Philistines that day from Michmash to Aijalon. The people were very faint;
32 Anwummerɛ no, wɔto guu asadeɛ no so, faa nnwan, anantwie ne anantwie mma. Wɔkunkumm wɔn, wee wɔn ɛnam ne wɔn mogya nyinaa fraeɛ.
and the people pounced upon the spoil, and took sheep, and cattle, and calves, and killed them on the ground; and the people ate them with the blood.
33 Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, ɛfiri sɛ, wɔrewe ɛnam a mogya fra mu.” Na Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mompire ɛboɔ kɛseɛ bi mmɛto ha.
Then they told Saul, saying, "Look, the people are sinning against the LORD, in that they eat meat with the blood." He said, "You have dealt treacherously. Roll a large stone to me this day."
34 Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa anantwie no ne nnwan no mmra ha mmɛkum wɔn na monsɔne wɔn mogya mfiri wɔn mu. Monnnwe ɛnam a mogya da so wɔ mu mmfa so nnyɛ bɔne nntia Awurade.’” Enti anadwo no, asraafoɔ no de wɔn anantwie baeɛ, bɛkunkumm wɔn wɔ hɔ.
Saul said, "Disperse yourselves among the people, and tell them, 'Bring me here every man his ox, and every man his sheep, and kill them here, and eat; and do not sin against the LORD in eating meat with the blood.'" All the people brought every man his ox with him that night, and killed them there.
35 Na Saulo sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de maa Awurade, deɛ ɛdi ɛkan a ɔsiiɛ.
Saul built an altar to the LORD. This was the first altar that he built to the LORD.
36 Na Saulo kaa sɛ, “Momma yɛnkɔ Filistifoɔ no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkɔsi ahemadakye a yɛrennya wɔn mu baako koraa.” Na wɔbuaa sɛ, “Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛbɛyɛ.” Nanso, ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnni ɛkan mmisa Awurade ansa.”
Saul said, "Let us go down after the Philistines by night, and take spoil among them until the morning light, and let us not leave a man of them." They said, "Do whatever seems good to you." Then the priest said, "Let us draw near here to God."
37 Enti, Saulo bisaa Awurade sɛ, “Menkɔ so ntaa Filistifoɔ no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so anaa?” Nanso, Awurade amma wɔn mmuaeɛ biara saa ɛda no.
Saul asked counsel of God, "Shall I go down after the Philistines? Will you deliver them into the hand of Israel?" But he did not answer him that day.
38 Enti, Saulo ka kyerɛɛ ntuanofoɔ no sɛ, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛhunu bɔne a yɛayɛ ɛnnɛ.
And Saul said, "Come here, all you leaders of the people; and investigate and see how this sin has arisen today.
39 Mede Awurade a ɔyii Israel din ka ntam sɛ deɛ woayɛ bɔne no bɛwu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarimma no mu baako mpo antumi anka hwee.
For, as the LORD lives, who saves Israel, though it is in Jonathan my son, he shall surely die." But there was not a man among all the people who answered him.
40 Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Monnyina nohoa; me ne me babarima Yonatan nso bɛgyina ha.” Nnipa no penee so.
Then he said to all Israel, "You be on one side, and I and Jonathan my son will be on the other side." The people said to Saul, "Do what seems good to you."
41 Enti, Saulo bɔɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade Israel Onyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn deɛ ɔdi fɔ ne deɛ ɔdi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfoɔ no mu? Mfomsoɔ no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.”
Therefore Saul said, "LORD, God of Israel, why have you not answered your servant this day? If this sin is mine or in Jonathan my son, LORD, God of Israel, give Urim. But if this sin is in your people Israel, give Thummim." And Jonathan and Saul were chosen, but the people were cleared.
42 Na Saulo kaa sɛ, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ ɔdi fɔ.
And Saul said, "Cast lots between me and Jonathan my son. Whomever the LORD shall indicate to be taken by lot, let him die." And the people said to Saul, "This thing is not to be." And Saul prevailed over the people, and they cast lots between him and Jonathan his son. And Jonathan was selected.
43 Saulo bisaa Yonatan sɛ, “Ka deɛ woayɛ kyerɛ me.” Yonatan gye too mu sɛ, “Mede ɛwoɔ kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakra bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na yei yɛ owuo asɛm?”
Then Saul said to Jonathan, "Tell me what you have done." And Jonathan told him, and said, "I certainly did taste a little honey with the end of the staff that was in my hand; and look, I must die."
44 Saulo kaa sɛ, “Aane, Yonatan, ɛsɛ sɛ wowuo. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na menwu.”
Saul said, "God do so and more also; for you shall surely die, Jonathan."
45 Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Enti, ɛfata sɛ Yonatan a ɔgyee Israel ɛnnɛ no owuo anaa? Onyame mpa ngu. Ɛberɛ dodoɔ no a Awurade te aseɛ yi, ne tirinwi baako koraa ho nka, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwanwadeɛ ɛnnɛ.” Enti, nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.
The people said to Saul, "Shall Jonathan die, who has worked this great salvation in Israel? Far from it. As the LORD lives, there shall not one hair of his head fall to the ground; for he has worked with God this day." So the people rescued Jonathan, and he did not die.
46 Na Saulo frɛɛ akodɔm no sɛ wɔnntaa Filistifoɔ no so bio. Enti, Filistifoɔ no sane kɔɔ efie.
Then Saul went up from following the Philistines; and the Philistines went to their own place.
47 Saulo nyaa Israel ahennwa no so tenaeɛ a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifoɔ ahemfo. Na baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔdii nkonim.
Now when Saul had taken the kingdom over Israel, he fought against all his enemies on every side, against Moab, and against the people of Ammon, and against Edom, and against Beth Rehob, and against the king of Zobah, and against the Philistines; and wherever he turned, he was victorious.
48 Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfoɔ so, gyee Israelfoɔ firii wɔn afomfafoɔ nyinaa nsam.
And he did valiantly, and struck the Amalekites, and delivered Israel out of the hand of its plunderers.
49 Na Saulo mmammarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmammaa baanu nso ne Merab a ɔyɛ panin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa.
Now the sons of Saul were Jonathan, and Jishvi, and Malkishua; and the names of his two daughters were these: the name of the firstborn Merob, and the name of the younger Mikal:
50 Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima.
and the name of Saul's wife was Ahinoam the daughter of Ahimaaz. The name of the commander of his army was Abiner the son of Ner, Saul's uncle.
51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma.
Kish was the father of Saul; and Ner the father of Abner was the son of Abiel.
52 Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ nyinaa, na Filistifoɔ taa ne Israelfoɔ di ako. Enti ɛberɛ biara a Saulo bɛhunu aberanteɛ biara a ne bo yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼakodɔm mu.
There was severe war against the Philistines all the days of Saul: and when Saul saw any mighty man, or any valiant man, he took him to him.

< 1 Samuel 14 >