< 1 Ahemfo 2 >

1 Dawid rebɛwuo no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ: 2 “Merekɔ baabi a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefoɔ biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ, 3 na yɛ deɛ Awurade, wo Onyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ, nante nʼakwan mu, na di ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso. 4 Sɛ woyɛ yei a na Awurade bɛdi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ hwɛ wɔn asetena, na wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu nante nokorɛ mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahennwa no so.’ 5 “Wonim sɛ Seruia babarima Yoab kumm mʼakodɔm asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Ɔkunkumm wɔn, hwiee wɔn mogya guiɛ asomdwoeɛ berɛ mu a ɛnyɛ ɔko berɛ mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔwomu a ɛbɔ nʼasene mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so. 6 Wo ne no nni, na mma no mmfa ne ti dwono nkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. (Sheol h7585) 7 “Na yɛ Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammarima adɔeɛ, na ma wɔnka wɔn a wɔdidi wɔ wo didipono so no ho. Ɛberɛ a medwane firii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔeɛ. 8 “Kae Gera Benyaminni a ɔfiri Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me dendeenden, da a meredwane akɔ Mahanaim no. Na ɔbɛhyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade edin kaa ntam sɛ, Merenkum no. 9 Nanso, ntam no mma ɔnni bem. Woyɛ ɔnyansafoɔ na wobɛhunu ɛkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.” (Sheol h7585) 10 Na Dawid wuiɛ, na wɔsiee no wɔ Dawid kurom. 11 Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔdii Hebron so mfeɛ nson ɛnna Yerusalem nso, ɔdii adeɛ mfeɛ aduasa mmiɛnsa. 12 Enti, Salomo tenaa nʼagya Dawid ahennwa so, na nʼadedie ase timiiɛ yie. 13 Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne maame Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ so anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ asomdwoeɛ so.” 14 Na ɔka kaa ho sɛ, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔeɛ bi.” Na Batseba bisaa sɛ, “Adɔeɛ bɛn.” 15 Adoniya kaa sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn ɔhene. Nanso, nneɛma sesaeɛ, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, ɛfiri sɛ, Awurade pɛ no saa. 16 Seesei, adeɛ baako na mepɛ sɛ mebisa wo. Mfa nkame me.” Ɔkaa sɛ, “Wotumi bisa me.” 17 Na ɔtoaa so sɛ, “Kɔbisa ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekodeɛ no nkame wo. Bisa no na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.” 18 Na Batseba buaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.” 19 Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebɛhyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahennwa so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa adwa mmrɛ ɔhene maame, na ɔtenaa ɔhene nifa so. 20 Ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Mewɔ adeɛ ketewaa bi bisa wo, na mfa nkame me.” Ɔhene no buaa no sɛ, “Bisa me, me maame. Meyɛ ama wo.” 21 Enti, ɔkaa sɛ, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya awadeɛ.” 22 Ɔhene Salomo bisaa ne maame sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛnneɛ, sɛ wobɛbisa ahemman nso ama no. Wonim sɛ ɔyɛ me nua panin na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!” 23 Na ɔhene Salomo de Awurade edin kaa ntam sɛ, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisadeɛ yi so a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara. 24 Na seesei deɛ, mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahennwa so, na wabɔ me fie ahennie mu nnidisoɔ atenaseɛ ama me, sɛdeɛ ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya deɛ, twa ara na ɛtwa sɛ ɔwu ɛnnɛ yi ara.” 25 Enti, Salomo hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkum no, na ɔkumm Adoniya. 26 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, “Sane kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wowuo, nanso merenku wo seesei, ɛfiri sɛ, wosoaa Awurade Otumfoɔ Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na mohunuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.” 27 Enti, Salomo worɔɔ Abiatar atadeɛ sɛ ɔsɔfoɔ, nam so dii mmara a Awurade hyɛɛ wɔ Silo fa Eli asefoɔ ho no so. 28 Ɛwom, ahyɛaseɛ no na ɔnni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya adɔnyɛ no. Ɛberɛ a Yoab tee Adoniya wuo no, ɔtuu mmirika kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu, na ɔkɔsosɔɔ mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no mu. 29 Ɛberɛ a ɔhene Salomo tee asɛm yi, ɔsomaa Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkɔkum no. 30 Na Benaia kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu kɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ɔhene se firi adi.” Nanso, Yoab buaa sɛ, “Dabi, mɛwu wɔ ha.” Enti, Benaia sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa asɛm a Yoab aka no kyerɛɛ no. 31 Ɔhene no tee asɛm a Yoab kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ Benaia sɛ, “Yɛ deɛ ɔkaeɛ no. Ku no wɔ afɔrebukyia no ho, na sie no. Yei bɛyi adwenemherɛ mogyahwieguo ho afɔdie afiri me ne mʼagya fiefoɔ so. 32 Na Awurade bɛtua no kum a ɔkumm mmarima ateneneefoɔ amapa baanu a na wɔyɛ sene no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel akodɔm sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda akodɔm sahene no wuo ho hwee. 33 Yoab ne nʼasefoɔ deɛ, saa awudie ahodoɔ yi ho afɔdie ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefoɔ ne nʼahennwa asomdwoeɛ afebɔɔ!” 34 Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab wɔ ne kurom wiram baabi. 35 Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnsi Yoab anan sɛ ɔsafohene. Na ɔyii ɔsɔfoɔ Sadok de no sii Abiatar anan. 36 Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no sɛ, “Si efie wɔ Yerusalem ha na tena mu. Nanso, mfiri kuro no mu nkɔ baabiara. 37 Na da a wobɛtwa Kidron bɔnhwa no, wobɛwu; na wo mogya bɛgu wʼankasa wo tiri so.” 38 Na Simei buaa sɛ, “Wʼatemmuo no yɛ kronn. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti, Simei tenaa Yerusalem kyɛree yie. 39 Na mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei asomfoɔ baanu dwane kɔɔ Gathene Akis, Maaka babarima nkyɛn. Ɛberɛ a Simei hunuu baabi a wɔwɔ no, 40 ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ɔhunuu wɔn no, ɔde wɔn sane baa Yerusalem. 41 Salomo tee sɛ Simei afiri Yerusalem akɔ Gat asane aba. 42 Enti, wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei baeɛ, na ɔbisaa no sɛ, “Mamma woanka ntam Awurade edin mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wobɛwu? Na wobuaa sɛ, ‘Atemmuo no yɛ kronkron; na mɛdi asɛm a woaka no so.’ 43 Na adɛn enti na woanni wo ntanka no so amma Awurade, na woantie me nhyɛ?” 44 Na ɔhene no ka kaa ho sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ wokae amumuyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. Awurade bɛtwe wʼaso wɔ ho. 45 Na medeɛ, mɛnya Awurade nhyira, na daa Dawid aseni atena ahennwa no so.” 46 Na ɔhene no nhyɛ so, Yehoiada babarima Benaia faa Simei de no firii adi kɔkumm no. Enti ahemman no timiiɛ wɔ Salomo nsam.

< 1 Ahemfo 2 >