< 1 Ahemfo 10 >

1 Ɛberɛ a Sebahemmaa tee Salomo edin a ahyeta na ɛhyɛ Awurade din animuonyam no, ɔde nsɛmmisa a anoyie yɛ den bɛsɔɔ Salomo hwɛeɛ.
A gdy królowa Saby usłyszała o sławie Salomona [i] o imieniu PANA, przybyła, aby go przez zagadki poddać próbie.
2 Ɔde nʼasomfoɔ a wɔdɔɔso yie kaa ne ho baa Yerusalem. Na nyoma a wɔsoso nnuhwam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔdemmoɔ ka wɔn ho. Ɛberɛ a ɔhyiaa Salomo no, wɔdwennwenee nsɛm bebree a na ɛwɔ ɔhemmaa ani so no ho.
Przybyła do Jerozolimy z bardzo wielkim orszakiem, z wielbłądami niosącymi wonności, bardzo dużo złota i drogocenne kamienie. Gdy przyszła do Salomona, rozmawiała z nim o wszystkim, co leżało jej na sercu.
3 Wɔdii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa biara ano sɛdeɛ ɛsɛ.
Salomon zaś odpowiedział na wszystkie jej pytania. Nie było nic nieznanego królowi, czego nie mógłby jej odpowiedzieć.
4 Seba Ɔhemmaa hunuu nyansa a Salomo wɔ ne ahemfie a wasi no,
Gdy więc królowa Saby ujrzała całą mądrość Salomona i dom, który zbudował;
5 ne ho dwirii no. Nnuane a ɔhunuu sɛ ɛsisi ne didipono so no yɛɛ no nwanwa. Sɛdeɛ na wahyehyɛ ne fie so ahwɛfoɔ no ne wɔn ntadeɛ papa bi a ɛhyehyɛ wɔn, ne sɛdeɛ nkuruwakurafoɔ ne wɔn ntadeɛ yuu ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a Salomo bɔɔ no Awurade Asɔredan mu hɔ no yɛɛ no ahodwirie.
A także potrawy jego stołu, siadanie jego sług, stawanie jego służących, ich szaty, jego podczaszych oraz schody, po których wstępował do domu PANA, dech zamarł jej [w piersi];
6 Ɔhemmaa no firii ahodwirie mu ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Nsɛm a metee wɔ me ɔman mu a ɛfa dwuma a woatumi adi ne wo nyansabunu ho no nyinaa yɛ nokorɛ!
Wtedy przemówiła do króla: Prawdziwa była ta wieść, którą słyszałam w swojej ziemi o twoich dziełach i twojej mądrości.
7 Na mennye nni kɔsii sɛ mebɛduruu ha a mʼankasa mede mʼani abɛhunu yi. Nokorɛm, sɛɛ mannte asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔsoɔ no boro deɛ wɔka kyerɛɛ me no so koraa.
Jednak nie wierzyłam tym słowom, aż przybyłam i zobaczyłam [to] na własne oczy. I oto nie powiedziano mi nawet połowy. Twoja mądrość i [twój] dobrobyt są większe od sławy, o której słyszałam.
8 Anigyeɛ bɛn na saa nnipa yi renya? Adom bɛn na wo mpanimfoɔ a wɔne wowɔ ha anɔpa ne awia tie wo renya mfiri wo nyansa yi mu?
Błogosławieni twoi ludzie, błogosławieni twoi słudzy, którzy zawsze stoją przed tobą i słuchają twojej mądrości.
9 Awurade, wo Onyankopɔn no yɛ kɛseɛ ampa. Nʼani gye wo ho, enti ɔde wo asi Israel ahennwa so. Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a Awurade de dɔ Israel no yɛ ɔdɔ a ɛnsa da. Wasi wo ɔhene sɛ wode atɛntenenee ne teneneeyɛ bɛbu ɔman no.”
Niech będzie błogosławiony PAN, twój Bóg, który cię sobie upodobał, aby cię posadzić na tronie Izraela; a ponieważ PAN umiłował Izraela na wieki, ustanowił cię królem, abyś czynił sąd i sprawiedliwość.
10 Na ɔkyɛɛ ɔhene no sikakɔkɔɔ tɔno 4 ne fa, nnuhwan bebree ne aboɔdemmoɔ. Obiara ammfa nnuhwam dodoɔ saa ammɛkyɛ Salomo bio, sɛdeɛ Sebahemmaa de bɛkyɛɛ no no.
Następnie dała królowi sto dwadzieścia talentów złota i bardzo wiele wonności oraz drogocennych kamieni. Nigdy więcej nie przyniesiono tyle wonności, ile królowi Salomonowi dała królowa Saby.
11 Nanso, ɛberɛ a Huram ahyɛn no firi Ofir de sikakɔkɔɔ baeɛ no, na samfona nnua bebree ne aboɔdemmoɔ ka ho.
Ponadto okręty Hirama, które przywoziły złoto z Ofiru, przywiozły także z Ofiru wielką ilość drewna sandałowego i drogocennych kamieni.
12 Ɔhene de samfona nnua no yɛɛ aforoeɛ wɔ Awurade Asɔredan ne ahemfie no mu, ɛnna ɔde bi yɛɛ asankuo ne mmɛnta maa nnwomsiaafoɔ. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no ne saa ɛberɛ no akyi, na obiara mfaa samfona nnua a ɛyɛ fɛ saa nkɔɔ hɔ da.
Z tego drzewa sandałowego król wykonał schody do domu PANA i do domu królewskiego oraz harfy i cytry dla śpiewaków. Nigdy nie sprowadzono takiego drzewa sandałowego i nie widziano aż do dziś.
13 Biribiara a Sebahemmaa bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no kaa deɛ amanneɛ enti, ɔnam ayamyɛ so de maa no no ho. Ɛno akyi, Sebahemmaa ne nʼasomfoɔ no sane kɔɔ wɔn kurom.
Król Salomon zaś dał królowej Saby wszystko, czego zapragnęła [i] o co poprosiła, nie licząc [tego], co jej dał ze swojej królewskiej hojności. Potem odjechała i wróciła do swojej ziemi razem ze swoimi sługami.
14 Afe biara, na Salomo nya sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 25.
A waga złota, które wpływało do Salomona w ciągu jednego roku, wynosiła sześćset sześćdziesiąt sześć talentów złota;
15 Adwadeɛ a na ɔnya firi adwadifoɔ, Arabia ahemfo ne asase no so amradofoɔ no nkyɛn nka ho.
Nie licząc tego, [co dostawał] od kupców i handlarzy wonności, i od wszystkich królów arabskich oraz namiestników ziemi.
16 Ɔhene Salomo maa wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro, yɛɛ akyɛm akɛseɛ ahanu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram nson.
Król Salomon wykonał więc dwieście tarcz z kutego złota. Na każdą tarczę wychodziło sześćset [syklów] złota.
17 Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu.
[Wykonał] także trzysta puklerzy z kutego złota, używając po trzy miny złota na każdy puklerz. Król umieścił je w domu lasu Libanu.
18 Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho.
Król również sporządził wielki tron z kości słoniowej i pokrył go czystym złotem.
19 Na ahennwa no wɔ atwedeɛ ntiasoɔ nsia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ agyata sɛso mmienu asisi hɔ.
Tron [miał] sześć stopni i okrągły szczyt z tyłu. Po obu stronach siedzenia były poręcze, a przy poręczach stały dwa lwy.
20 Salomo sane yɛɛ agyata sɛso dumienu a ɔbaako biara gyina atwedeɛ ntiasoɔ nsia no mu biara benkum ne nifa. Ahennwa biara nni ewiase a wɔbɛtumi de atoto Salomo deɛ no ho.
Dwanaście lwów stało na tych sześciu stopniach po obu stronach. Czegoś takiego nie uczyniono w żadnym [innym] królestwie.
21 Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ amapa na wɔde yɛeɛ. Saa ara na nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu no nso teɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, ɛfiri sɛ, Salomo berɛ so no, na wɔbu dwetɛ ade teta bi.
Wszystkie naczynia, których król Salomon używał do picia, były ze złota, a także wszystkie naczynia domu lasu Libanu [były] ze szczerego złota. Nie było nic ze srebra, gdyż nie uważano go za cenne w czasach Salomona.
22 Na ɔhene no wɔ ɛpo so adwadihyɛn bebree a ɛne Huram deɛ no yɛ adwuma bɔ mu. Mfeɛ mmiɛnsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nkaatia, nkontromfi ne kohaa ahyehyɛ wɔn ma.
Królewska flota Tarszisz [była] bowiem na morzu wraz z flotą Hirama. Raz na trzy lata przypływała flota Tarszisz, przywożąc złoto, srebro, kość słoniową, małpy i pawie.
23 Enti, ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefoɔ ne onyansafoɔ sene ɔhene biara wɔ asase so nyinaa.
Tak więc król Salomon przewyższał wszystkich królów ziemi bogactwem i mądrością.
24 Ahemfo fifiri aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi.
I cała ziemia pragnęła zobaczyć Salomona, aby słuchać jego mądrości, którą Bóg włożył w jego serce.
25 Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛdeɛ te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntadeɛ, akodeɛ, nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumpɔnkɔ.
Każdy przynosił mu swoje dary: srebrne i złote naczynia, szaty, zbroje, wonności, konie i muły, rokrocznie.
26 Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu. Ɔde emu fa kɛseɛ guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so ɛnna ɔmaa ebi nso kaa Yerusalem.
Salomon nagromadził rydwanów i jeźdźców, tak że miał tysiąc czterysta rydwanów i dwanaście tysięcy jeźdźców, których rozmieścił po miastach rydwanów oraz przy sobie w Jerozolimie.
27 Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ akyee nnua a ɛfifiri wɔ mmepɔ ase wɔ Yuda asase so.
Król sprawił, że srebro w Jerozolimie było jak kamienie, a cedry tak liczne jak sykomory na nizinie.
28 Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia.
Sprowadzono też dla Salomona konie z Egiptu i nić lnianą. A kupcy królewscy brali nić lnianą za [ustaloną] cenę.
29 Saa ɛberɛ no, na wɔtumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi tɔ no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo.
Rydwan wywożono i sprowadzono z Egiptu za sześćset srebrników, a konia – za sto pięćdziesiąt. W ten sposób wszyscy królowie chetyccy i królowie Syrii dostawali [je] za ich pośrednictwem.

< 1 Ahemfo 10 >