< 1 Korintofoɔ 7 >

1 Afei, deɛ ɛfa nsɛm a motwerɛ de brɛɛ me no ho nie: Ɛyɛ sɛ ɔbarima nware.
Voici ma réponse aux divers sujets de votre lettre: L'homme fait bien de renoncer au mariage.
2 Nanso, ɛsiane adwamammɔ enti, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbaa biara nso nya ɔno ankasa ne kunu.
Cependant, pour éviter tout dérèglement, que chaque homme ait sa femme, que chaque femme ait son mari;
3 Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛdeɛ sɛ okunu na ɔbaa nso yɛ nʼasɛdeɛ sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko.
que le mari remplisse ses devoirs envers sa femme, et la femme envers son mari.
4 Ɔyere onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi.
Le corps de la femme ne lui appartient pas, il est à son mari. De même le corps du mari ne lui appartient pas, il est à sa femme.
5 Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so ɛberɛ tiawa bi a morebɔ mpaeɛ; na sɛ mowie mpaeɛbɔ no a, monhyia mu, na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, ɛfiri sɛ, montumi nni mo ho so.
Ne refusez pas d'être l'un à l'autre, sauf d'un commun accord et momentanément pour vaquer à la prière; puis retournez ensemble, de peur que Satan ne se serve de votre incontinence pour vous tenter.
6 Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom, mereka no sɛ mama mo ho ɛkwan.
En parlant ainsi, je vous fais une concession, je ne vous donne pas d'ordre.
7 Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso, obiara wɔ adom akyɛdeɛ sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Yei wɔ nʼakyɛdeɛ na ɔfoforɔ nso wɔ nʼakyɛdeɛ.
Je voudrais que tous les hommes fussent comme moi: mais chacun reçoit de Dieu son don particulier, l'un celui-ci, l'autre celui-là.
8 Afei, asɛm a mereka akyerɛ asigyafoɔ ne akunafoɔ ne sɛ: Ɛbɛyɛ sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛdeɛ mete hɔ yi.
Je dis aux hommes non mariés et aux veuves: il est bon que vous restiez ainsi, comme moi.
9 Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Ɛyɛ sɛ mobɛware sene sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometeɛ.
Mais si vous ne pouvez vous astreindre à la continence, mariez-vous. Car il vaut mieux se marier que de brûler.
10 Mo awarefoɔ nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a ɛmfiri me na ɛfiri Awurade nkyɛn sɛ: Ɛnsɛ sɛ ɔbaa gyaa ne kunu.
A ceux qui sont mariés, j'ordonne ceci (non pas moi, mais le Seigneur): que la femme ne se sépare point de son mari
11 Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere.
(si elle s'en trouvait séparée, qu'elle reste sans se remarier ou qu'elle se réconcilie avec lui); que le mari ne répudie point sa femme.
12 Mo a moaka no, meka mekyerɛ mo, ɛfiri mankasa, na ɛmfiri Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbaa no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no.
Aux autres je dis (moi, non le Seigneur): si un frère a pour femme une païenne et qu'elle consente à vivre avec lui, qu'il ne divorce pas.
13 Saa ara nso na sɛ Okristoni baa wɔ okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbaa no gyaa no.
Et si une femme a pour mari un païen et qu'il consente à vivre avec elle, qu'elle ne divorce pas.
14 Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbaa no enti, Onyankopɔn bɛgye no na ɔbaa a ɔnyɛ Okristoni no nso, ɛsiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no enti, Onyankopɔn bɛte ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfoɔ mma, nanso sɛdeɛ ɛte yi deɛ, wɔyɛ kronkron.
Car la femme a rapproché des fidèles son mari païen; le frère a rapproché des fidèles sa femme païenne; si cela n'était pas, vos enfants seraient hors de l'Église, tandis qu'ils sont au nombre des fidèles.
15 Na sɛ nso wɔn mu deɛ ɔnyɛ Okristoni no pɛ sɛ ɔte ne ho firi Okristoni no ho a, momma no ɛkwan. Sɛ ɛba saa a, Okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoeɛ mu.
Si la partie païenne veut se séparer, qu'elle se sépare! dans ce cas, le frère ou la soeur ne sent pas liés, quoique Dieu vous ait appelés à vivre en paix.
16 Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa?
Sais-tu, en effet, femme, si tu ne sauveras pas ton mari? Sais-tu, mari, si tu ne sauveras pas ta femme?
17 Mo mu biara ntena ase wɔ akyɛdeɛ a Awurade de akyɛ no no so sɛdeɛ na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no. Yei ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu.
En général, chacun doit garder la part que le Seigneur lui a faite, rester là où il était quand Dieu l'a appelé. C'est là ce que j'ordonne dans toutes les Églises.
18 Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnnedeɛ biara. Sɛ ɔbarima nso a ɔntwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔtwa twetia.
As-tu été appelé circoncis? ne dissimule pas ta circoncision; as-tu été appelé incirconcis? ne te fais pas circoncire.
19 Ɛfiri sɛ, sɛ obi atwa twetia na ɔfoforɔ nso ntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne sɛ wobɛdi Onyankopɔn mmara so.
La circoncision n'est rien, l'incirconcision n'est rien, mais l'observation des commandements de Dieu...
20 Sɛdeɛ obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena no saa ara.
Chacun doit rester là où il était quand il a été appelé.
21 Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa anaa? Mma ɛno nha wo na sɛ wowɔ ɛkwan bi a wobɛtumi afa so ade wo ho a, fa so.
As-tu été appelé esclave? ne t'en soucie pas, et alors même que tu pourrais te libérer, reste plutôt esclave,
22 Ɛfiri sɛ, akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade onipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa.
car l'esclave appelé au Seigneur est l'affranchi du Seigneur, et de même, l'homme libre appelé est l'esclave de Christ.
23 Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno enti, monnyɛ nkoa mma nnipa.
Vous avez été achetés un grand prix; ne devenez pas esclaves des hommes,
24 Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛdeɛ na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.
et que chacun, mes frères, reste devant Dieu là où il était quand il a été appelé.
25 Deɛ ɛfa asigyafoɔ nso ho no nie: Mennyaa ɔhyɛ nsɛm biara memfirii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu enti wɔagye me ato mu.
Pour ceux ou celles qui sont vierges, je n'ai point reçu d'ordre du Seigneur; mais je donne mon opinion comme étant, par la miséricorde du Seigneur, digne de confiance.
26 Wodwene seesei ɔhaw yi ho a, medwene sɛ, ɛyɛ sɛ onipa tena ase sɛdeɛ ɔte biara.
Je crois qu'il vaut mieux, puisque la crise finale est imminente, oui, je crois qu'il vaut mieux pour l'homme rester comme il est.
27 Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a, nhwehwɛ ɔyere.
Es-tu engagé avec une femme? ne cherche pas à rompre; n'as-tu aucun engagement? ne cherche point de femme.
28 Nanso, sɛ woware a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso, ɔhaw a saa awadeɛ no de ba no, sɛ ɛkaa me nko a, anka mempɛ sɛ saa ɔhaw no bɛba mo so.
Si cependant tu te maries, ce n'est pas un péché; et si une vierge se marie, ce n'est pas un péché. Mais ceux qui font cela auront des souffrances dans cette vie, et moi je voudrais les leur épargner.
29 Deɛ mekyerɛ ne sɛ, anuanom, ɛberɛ a aka sua. Ɛfiri saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛdeɛ wɔnwaree da;
Je vous assure, frères, que le temps est court; voici ce qui reste à faire: que ceux qui ont des femmes soient comme n'en ayant pas;
30 wɔn a wɔsu yɛ sɛdeɛ wɔn werɛ nhoeɛ; wɔn a wɔsere yɛ sɛdeɛ wɔnni anigyeɛ; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛdeɛ deɛ wɔtɔeɛ no nyɛ wɔn deɛ;
ceux qui pleurent comme ne pleurant pas; ceux qui se réjouissent comme ne se réjouissant pas; ceux qui achètent comme ne possédant pas;
31 wɔn a wɔde ewiase abɔ wɔn bo yɛ sɛdeɛ wɔnhunuu bi da. Na sɛdeɛ ewiase yi te seesei yi rentena saa nkyɛ.
ceux qui usent de ce monde, comme n'en usant absolument pas; car la figure de ce monde passe!
32 Mempɛ sɛ biribiara ha mo. Ɔbarima a ɔnwareeɛ no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; ɛfiri sɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no;
Je voudrais que vous n'eussiez pas de soucis mondains: or, l'homme non marié a le souci des affaires du Seigneur; il cherche à plaire au Seigneur.
33 nanso ɔbarima warefoɔ de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani,
L'homme marié a le souci des affaires de ce monde; il cherche à plaire à sa femme.
34 enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu de ne ho ma Awurade adwuma wɔ honam ne honhom fam; nanso ɔbaa a wawareɛ no de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani.
Il y a la même différence entre la femme mariée et la vierge: la vierge a le souci des affaires du Seigneur, afin d'être sainte de corps et d'esprit; mais la femme mariée a le souci des affaires de ce monde; elle cherche à plaire à son mari.
35 Mereka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ moyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.
Je vous dis cela dans votre intérêt, non pour vous tendre un piège; je vous le dis en vue des convenances et de ce qui est le plus propre à vous attacher sans distraction au culte du Seigneur.
36 Ɔbarima ne ɔbaa a wɔahyehyɛ awadeɛ na afei wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenware bio no, sɛ ɔbarima no hunu sɛ ɔnyɛ nʼasɛdeɛ mma ɔbaa no nanso sɛ ɔntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so enti no ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛdeɛ ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni yei ho.
Si cependant quelqu'un pense qu'il y a des inconvénients pour sa fille à passer l'âge du mariage, et s'il croit devoir agir en conséquence, qu'il fasse ce qu'il voudra! Ce n'est pas un péché, qu'on se marie!
37 Nanso, ɛyɛ mmom sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi sɛ ɔrenware.
Mais celui qui a pris dans son coeur une résolution inébranlable sans subir aucune contrainte, maître de faire ce qu'il veut, oui, qui a décidé dans le fond de son coeur de garder sa fille vierge, fait bien.
38 Ɛyɛ sɛ ɔbarima ware deɛ, nanso sɛ anka wanware koraa a na ɛyɛ.
Ainsi celui qui marie sa fille fait bien, celui qui ne la marie pas fait mieux.
39 Sɛ ɔbaa ɔwarefoɔ kunu te ase a, ɔnne ne ho; na sɛ ne kunu no wu deɛ a, ɔwɔ ho ɛkwan sɛ ɔware ɔfoforɔ a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo awadeɛ.
Une femme est liée aussi longtemps que son mari est vivant. Si le mari vient à mourir, elle est libre de se remarier avec qui elle veut, seulement que ce soit dans le Seigneur.
40 Na sɛ ɔtumi tena ase sɛdeɛ ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yie. Mʼadwene ni, na megye di sɛ me nso me wɔ Onyame Honhom.
Cependant elle est plus heureuse si elle reste comme elle est; c'est mon opinion; et je crois, moi aussi, avoir l'Esprit de Dieu.

< 1 Korintofoɔ 7 >