< 1 Berɛsosɛm 9 >

1 Wɔtwerɛɛ Israel abusuadua biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nwoma mu. Esiane sɛ na Yudafoɔ no nni Awurade nokorɛ no enti, wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
イスラエルの人は皆名簿に記載られたり視よ是は皆イスラエルの列王紀に録さるユダはその罪のためにバビロンに擄へられてゆけり
2 Wɔn a wɔsane baeɛ bɛfaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn nkuro dada mu no yɛ Israelfoɔ bi, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔredan mu aboafoɔ.
その產業の邑々に最初に住ひし者にイスラエル人 祭司等レビ人およびネテニ人等なり
3 Nnipa a wɔfiri Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuo mu ba bɛtenaa Yerusalem no yɛ:
またヱルサレムにはユダの子孫ベニヤミンの子孫およびエフライムとマナセの子孫等住り
4 Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefoɔ.
即ちユダの子ペレヅの子孫の中にてはアミホデの子ウタイ、アミホデはオムリの子 オムリはイムリの子イムリはバニの子なり
5 Wɔn a wɔfiri Silonfoɔ abusua mu no yɛ: Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmammarima.
シロ族の中にてはシロの長子アサヤおよびその他の子等
6 Serah abusua mu no: Yeuel ne nʼabusuafoɔ na wɔsane baeɛ. Yuda abusuakuo no mu mmusua ahansia aduɔkron na wɔsane baeɛ.
ゼラの子孫の中にてはユエルおよびその兄弟六百九十人
7 Wɔn a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔsane baeɛ no ne: Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;
ベニヤミンの子孫の中にてけハセヌアの子ハダヤの子なるメシユラムの子サル
8 Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima; Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima baeɛ.
ヱロハムの子イブニヤ、ミクリの子なるウジの子エラおよびイブニヤの子リウエルの子なるシパテヤの子メシユラム
9 Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ, na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuakuo mmusuadua nwoma mu. Benyamin abusuakuo mu mmusua aha nkron ne aduonum nsia na wɔsane baeɛ.
並に彼らの兄弟等その世系によれば合せて九百五十六人是みなその宗家の長たる人々なり
10 Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne: Yedaia, Yehoriarib, Yakin;
また祭司の中にてはヱダヤ、ヨアリブ、ヤキン
11 Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima, a ɔno nso yɛ Mesulam babarima, na ɔno nso yɛ Sadok babarima, na ɔno nso yɛ Meraiot babarima, na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fie ahwɛfoɔ so panin.
およびヒルキヤの子アザリヤ、ヒルキヤはメシユラムの子 メシユラムはザドクの子 ザドクはメラヨテの子 メラヨテはアヒトブの子なり アザリヤは神の室の宰たり
12 Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima, a na ɔno nso yɛ Pashur babarima, na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima, na ɔno nso yɛ Yahsera babarima, na ɔno nso yɛ Mesulam babarima, a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima, na ɔno nso yɛ Imer babarima.
またヱロハムの子アダヤ、ヱロハムはバシユルの子 バシユルはマルキヤの子なり またアデエルの子マアセヤ、アデエルはヤゼラの子 ヤゼラはメシユラムの子 メシユラムはメシレモテの子 メシレモテはインメルの子なり
13 Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ nyinaa dodoɔ yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a wɔyɛ nsiyɛfoɔ. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fie.
また彼らの兄弟等是等は宗家の長たる者にして合せて一千七百六十人あり皆神の室の奉事をなすの力あるものなり
14 Lewifoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ: Semaia a ɔyɛ Hasub babarima, a na ɔyɛ Asrikam babarima, a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima, a na ɔyɛ Merari aseni;
レビ人の中にてはハシユブの子シマヤ、ハシユブはアズリカムの子 アズリカムはハシヤビヤの子 是はメラリの子孫なり
15 Bakbakar; Heres; Galal; Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima, na ɔno nso yɛ Asaf babarima,
またバクバツカル、ヘレシ、ガラルおよびアサフの子ジクリの子なるミカの子マツタニヤ
16 Obadia a ɔyɛ Semaia babarima, a ɔyɛ Galal babarima, na ɔno nso yɛ Yedutun babarima, ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so.
ならびにヱドトンの子ガラルの子なるシマヤの子オバデヤおよびエルカナの子なるアサの子ベレキヤ、エルカナはネトバ人の郷里に住たる者なり
17 Apono anohwɛfoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn mmusuafoɔ. Salum na na ɔyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ panin.
門を守る者はシヤルム、アツクブ、タルモン、アヒマンおよびその兄弟等にしてシヤレムその長たり
18 Kane no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no so. Na saa mmarima no som sɛ Lewifoɔ atenaeɛ apono ano ahwɛfoɔ.
彼は今日まで東の方なる王の門を守りをる是等はレビの子孫の營の門を守る者なり
19 Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ɔfiri Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ Korafoɔ no na na wɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛdeɛ na wɔn mpanimfoɔ wɛnee Ahyiaeɛ Ntomadan wɔ Awurade atenaeɛ hɔ no.
コラの子エビアサフの子なるコレの子シヤルムおよびその父の家の兄弟等などのコラ人は幕屋の門々を守る職務を主どれりその先祖等はヱホバの營の傍にありてその入口を守れり
20 Eleasa babarima Pinehas na kane no na ɔhwɛ apono ano ahwɛfoɔ no so, na Awurade ka ne ho.
エレアザルの子ピネハス昔彼らの主宰たりきヱホバ彼とともに在せり
21 Akyire no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no ano.
メシレミヤの子ゼカリヤは集會の幕屋の門を守る者なりき
22 Ne nyinaa mu, saa ɛberɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no dodoɔ yɛ ahanu ne dumienu a na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuadua nkrataa mu wɔ wɔn nkuraaseɛ. Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ no yiyii wɔn agyanom, ɛfiri sɛ na wɔyɛ nokwafoɔ.
是みな選ばれて門を守る者にて合せて二百十二人ありき皆その村々の名簿に記載たる者なりしがダビデと先見者サムエルこれをその職に任じたり
23 Saa apono ano ahwɛfoɔ yi ne wɔn asefoɔ no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Awurade efie, a kane no na ɛyɛ ntomadan no ano.
彼等とその子孫は順番にヱホバの室すなはち幕屋の門を司どれり
24 Wɔde apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ.
門を守る者は西東北南の四方に居り
25 Ɛberɛ-ano-berɛ-ano, na wɔn abusuafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadie mu.
またその村々に居る兄弟等は七日ごとに迭り來りて彼らを助けたり
26 Saa apono ano ahwɛfoɔ mpanimfoɔ baanan a na wɔyɛ Lewifoɔ no, na wɔn adwuma no yɛ deɛ ɛkura asodie kɛseɛ, ɛfiri sɛ, wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fie hɔ no so.
門を守る者の長たるこの四人のレビ人はその職にをりて神の室の諸の室と府庫とを司どれり
27 Wɔwɛn Onyankopɔn fie hɔ anadwo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wɔbuebue apono no.
彼らは番守をなす身なるに因て神の室の四周に舎れり而して朝ごとにこれを開くことをせり
28 Na apono ano ahwɛfoɔ no bi adwuma ne sɛ wɔhwɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresane de akɔgu hɔ no nyinaa a, wɔhwɛ sɛ ebi nnyera.
その中に奉事の器皿を司どる者あり是はその數を按べて携へいりそり數を按べて携へいだすべき者なり
29 Afoforɔ nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu, nsã, ngo, nnuhwam ne kurobo ahodoɔ so.
またその他の器皿すなはち聖所の一切の器皿および麥粉 酒 油 乳香 香料を司どる者あり
30 Nanso, na asɔfoɔ no na wɔdi nnuhwam no ne kurobo no ho dwuma.
また祭司の徒の中に香料をもて香膏を製る者あり
31 Matitia a ɔyɛ Lewini, na ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto burodo a wɔde bɔ afɔdeɛ no.
コラ人シヤルムの長子なるマツタテヤといふレビ人は鍋にて製るところの物を司どれり
32 Na nnipa bi a wɔfiri Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie burodo a wɔde to ɛpono Homeda no.
またコハテ人の子孫たるその兄弟等の中に供前のパンを司どりて安息日ごとにこれを調ふる者等あり
33 Nnwom ho nimdefoɔ a na wɔn nso yɛ Lewifoɔ atitire no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ adwuma foforɔ biara, ɛsiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmerɛ nyinaa enti.
レビ人の宗家の長たる是等の者は謳歌師にして殿の諸の室に居て他の職を爲ざりき其は日夜その職務にかかりをればなり
34 Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifoɔ mmusua no nyinaa ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ wɔn mmusuadua krataa mu.
是等はレビ人の歴代の宗家の長にして首長たる者なり是等はヱルサレムに住り
35 Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka,
ギベオンの祖ヱヒエルはギベオンに住りその妻の名はマアカといふ
36 a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
その長子はアブドン次はツル、キシ、バアル、ネル、ナダブ
37 Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot.
ゲドル、アヒオ、ゼカリヤ、ミクロテ
38 Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa mmusuafoɔ yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
ミクロテ、シメアムを生り彼等もその兄弟等とともにヱルサレムに住てその兄弟等と相對ひ居り
39 Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
ネルはキシを生み キシはサウルを生み サウルはヨナタン、マルキシユア、アビナダブおよびエシバアタを生り
40 Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
ヨナタンの子はメリバアル、メリバアル、ミカを生り
41 Mika mmammarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
ミカの子等はピトン、メレク、タレアおよびアハズ
42 Ahas woo Yara. Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.
アハズはヤラを生み ヤラはアレメテ、アズマウテおよびジムリを生み ジムリはモザを生み
43 Mosa woo Binea. Binea woo Refaia. Refaia woo Elasa. Elasa woo Asel.
モザはピネアを生り ピネアの子はレバヤ その子はエレアサ その子はアゼル
44 Asel woo mmammarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma.
アゼルは六人の子ありきその名は左のごとしアズリカム、ボケル、イシマエル、シヤリヤ、オバデヤ、ハナン是等はアゼルの子なり

< 1 Berɛsosɛm 9 >