< 1 Berɛsosɛm 8 >

1 Benyamin mmammarima na ɛdidi soɔ yi: Bela (abakan), Asbel, Ahra,
Benjamin became the father of Bela his firstborn, Ashbel the second, Aharah the third,
2 Noha ne Rafha.
Nohah the fourth, and Rapha the fifth.
3 Bela mmammarima yɛ: Adar, Gera, Abihud,
Bela had sons: Addar, Gera, Abihud,
4 Abisua, Naaman, Ahoa,
Abishua, Naaman, Ahoah,
5 Gera, Sefufan ne Huram.
Gera, Shephuphan, and Huram.
6 Ehud mmammarima, mmusua ntuanofoɔ, a na wɔte Geba a wɔpamoo wɔn firii hɔ kɔɔ Manahat nie:
These are the sons of Ehud. These are the heads of fathers’ households of the inhabitants of Geba, who were carried captive to Manahath:
7 Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na ɛberɛ a wɔretu no, ɔdii wɔn anim.
Naaman, Ahijah, and Gera, who carried them captive; and he became the father of Uzza and Ahihud.
8 Saharaim gyaee ne yerenom Husim ne Baara akyi no, ɔwoo mma wɔ Moab asase so.
Shaharaim became the father of children in the field of Moab, after he had sent them away. Hushim and Baara were his wives.
9 Ne yere foforɔ Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam,
By Hodesh his wife, he became the father of Jobab, Zibia, Mesha, Malcam,
10 Yeus, Sakia ne Mirma. Saa mmammarima yi bɛyɛɛ mmusua ntuanofoɔ.
Jeuz, Shachia, and Mirmah. These were his sons, heads of fathers’ households.
11 Na Saharaim yere Husim awo Abitub ne Elpaal dada.
By Hushim, he became the father of Abitub and Elpaal.
12 Elpaal mmammarima yɛ: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraaseɛ no,
The sons of Elpaal: Eber, Misham, and Shemed, who built Ono and Lod, with its towns;
13 Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a na wɔte Ayalon, na wɔpamoo ɔmanfoɔ a wɔte Gat no.
and Beriah and Shema, who were heads of fathers’ households of the inhabitants of Aijalon, who put to flight the inhabitants of Gath;
14 Beria mmammarima yɛ Ahio, Sasak, Yeremot,
and Ahio, Shashak, Jeremoth,
15 Sebadia, Arad, Eder,
Zebadiah, Arad, Eder,
16 Mikael, Yispa ne Yoha.
Michael, Ishpah, Joha, the sons of Beriah,
17 Elpaal mmammarima yɛ Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber,
Zebadiah, Meshullam, Hizki, Heber,
18 Ismerai, Yislia ne Yobab.
Ishmerai, Izliah, Jobab, the sons of Elpaal,
19 Simei mmammarima yɛ Yakim, Sikri, Sabdi,
Jakim, Zichri, Zabdi,
20 Elienai, Siletai, Eliel,
Elienai, Zillethai, Eliel,
21 Adaia, Beraia ne Simrat.
Adaiah, Beraiah, Shimrath, the sons of Shimei,
22 Sasak mmammarima yɛ Yispan, Eber, Eliel,
Ishpan, Eber, Eliel,
23 Abdon, Sikri, Hanan,
Abdon, Zichri, Hanan,
24 Hanania, Elam, Antotia,
Hananiah, Elam, Anthothijah,
25 Yifdeia ne Penuel.
Iphdeiah, Penuel, the sons of Shashak,
26 Yeroham mmammarima yɛ: Samserai, Seharia, Atalia,
Shamsherai, Shehariah, Athaliah,
27 Yaaresia, Elia ne Sikri.
Jaareshiah, Elijah, Zichri, and the sons of Jeroham.
28 Yeinom ne agyanom mmusua ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mu biara abusuadua nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.
These were heads of fathers’ households throughout their generations, chief men. These lived in Jerusalem.
29 Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka
The father of Gibeon, whose wife’s name was Maacah, lived in Gibeon
30 a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
with his firstborn son Abdon, Zur, Kish, Baal, Nadab,
31 Gedor, Ahio, Seker,
Gedor, Ahio, Zecher,
32 ne Miklot a ɔyɛ Simea agya. Na saa mmusuafoɔ yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
and Mikloth, who became the father of Shimeah. They also lived with their families in Jerusalem, near their relatives.
33 Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
Ner became the father of Kish. Kish became the father of Saul. Saul became the father of Jonathan, Malchishua, Abinadab, and Eshbaal.
34 Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
The son of Jonathan was Merib-baal. Merib-baal became the father of Micah.
35 Mika mmammarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
The sons of Micah: Pithon, Melech, Tarea, and Ahaz.
36 Ahas woo Yehoada na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.
Ahaz became the father of Jehoaddah. Jehoaddah became the father of Alemeth, Azmaveth, and Zimri. Zimri became the father of Moza.
37 Mosa woo Binea. Binea woo Rafha. Rafha woo Elasa. Elasa woo Asel.
Moza became the father of Binea. Raphah was his son, Eleasah his son, and Azel his son.
38 Asel woo mmammarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma.
Azel had six sons, whose names are these: Azrikam, Bocheru, Ishmael, Sheariah, Obadiah, and Hanan. All these were the sons of Azel.
39 Na Asel nuabarima Esek wɔ mmammarima baasa a wɔne Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔtɔ so mmienu ne Elifelet a ɔtɔ so mmiɛnsa.
The sons of Eshek his brother: Ulam his firstborn, Jeush the second, and Eliphelet the third.
40 Ulam mmammarima nyinaa yɛ akofoɔ a wɔakwadare wɔ akodie mu, na wɔyɛ agyantofoɔ toamfom. Na wɔwɔ mma ne mmanananom bebree a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin asefoɔ.
The sons of Ulam were mighty men of valor, archers, and had many sons, and grandsons, one hundred fifty. All these were of the sons of Benjamin.

< 1 Berɛsosɛm 8 >