< 1 Berɛsosɛm 7 >

1 Na Isakar mmammarima baanan no din de Tola, Pua, Yasub ne Simron. 2 Tola mmammarima no ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofoɔ. Ɔhene Dawid ɛberɛ so no, na mmarima dodoɔ a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne ahansia. 3 Na Usi babarima din de: Yisrahia. Na Yisrahia mmammarima din de: Mikael, Obadia, Yoɛl ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano. 4 Mmarima dodoɔ a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduasa nsia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmammarima yɛ bebree. 5 Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wɔfiri Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduɔwɔtwe nson. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din nnidisoɔ nnidisoɔ guu wɔn abusuadua krataa mu. 6 Na Benyamin mmammarima baasa no din de: Bela, Beker ne Yediael. 7 Na Bela mmammarima yɛ: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu. 8 Na Beker mmammarima din de: Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet. 9 Sɛdeɛ na wɔn abusuadua kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofoɔ akyi no, wɔn asefoɔ ɔpeduonu ne ahanu wɔ hɔ a wɔtumi dɔm sraa. 10 Na Yediael babarima ne: Bilhan. Na Bilhan mmammarima ne: Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar. 11 Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofoɔ a wɔn asefoɔ a na wɔka wɔn ho a wɔtumi dɔm sraa no dodoɔ yɛ ɔpedunson ne ahanu. 12 Na Ir mmammarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim. 13 Na Naftali mmammarima yɛ: Yahsiel, Guni, Yeser ne Salum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefoɔ. 14 Manase mmammarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead. 15 Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabaa Maaka. Na Makir asefoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmammaa nko ara. 16 Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no edin Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmammarima din de Ulam ne Rekem. 17 Na Ulam babarima din de: Bedan. Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfoɔ a wɔyɛ Manase babarima Makir asefoɔ. 18 Makir nuabaa Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla. 19 Na Semida mmammarima yɛ: Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam. 20 Efraim asefoɔ ne: Sutela, Bered, Tahat, Elada, Tahat, 21 Sabad ne Sutela. Wɔkunkumm Efraim mmammarima Eser ne Elad wɔ Gat, ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔwia nyɛmmoa firi akuafoɔ a wɔbɛn hɔ no. 22 Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛree yie, na nʼabusuafoɔ bɛkyekyeree ne werɛ. 23 Ɛno akyi, Efraim kɔɔ ne yere ho, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima. Efraim too no edin Beria ɛsiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafoɔ faa mu no enti. 24 Efraim woo ɔbabaa too no edin Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkuro Bet-Horon Anafoɔ, Atifi ne Usen-Seera. 25 Efraim asefoɔ nnidisoɔ ne Refa, Resef, Tela, Tahan 26 Ladan, Amihud, Elisama, 27 Nun ne Yosua. 28 Efraim asefoɔ no tenaa asase Bet-El ne ne nkurotoɔ a atwa afa anafoɔ fam, Naaran a ɛda apueeɛ fam, Geser ne ne nkuraaseɛ a ɛda atɔeɛ fam ne Sekem ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kɔsi Aya a nkuraaseɛ ka ho no so. 29 Manase hyeɛ so no, na nkuro a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefoɔ tenaa saa nkuro yi so. 30 Na Aser mmammarima yɛ: Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sera. 31 Na Beria mmammarima din de: Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no. 32 Na Heber mmammarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sua. 33 Na Yaflet mmammarima din de: Pasak, Bimhal ne Aswat. 34 Na Semer mmammarima din de: Ahi, Rohga, Hubah ne Aram. 35 Na ne nuabarima Helem mmammarima din de: Sofa, Yimna, Seles ne Amal. 36 Na Sofa mmammarima din de: Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra, 37 Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera. 38 Na Yeter mmammarima din de: Yefune, Pispa ne Ara. 39 Na Ula mmammarima din de: Arah, Haniel ne Risia. 40 Na Aser asefoɔ no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua ɔdaanoni. Na wɔn nyinaa yɛ akofoɔ pa ne ntuanofoɔ a wɔdi mu. Na mmarima ɔpeduonu nsia na wɔwɔ hɔ a wɔatwerɛ wɔn din agu wɔn mmusuadua nwoma mu a wɔyɛ akofoɔ a wɔagye edin.

< 1 Berɛsosɛm 7 >