< 1 Berɛsosɛm 24 >

1 Sɛdeɛ wɔkyekyɛɛ Aaron asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mu akuakuo ma wɔsomeeɛ no nie: Na Aaron mmammarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
These were the divisions of the sons of Aaron. The sons of Aaron: Nadab, Abihu, Eleazar, and Ithamar.
2 Nanso, Nadab ne Abihu wuiɛ a wɔnni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti, ɛkaa Eleasa ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.
But Nadab and Abihu died before their father, and had no children; therefore Eleazar and Ithamar served as priests.
3 Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasa aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boaa no enti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefoɔ mu akuakuo sɛdeɛ wɔn dwumadie teɛ.
David, with Zadok of the sons of Eleazar and Ahimelech of the sons of Ithamar, divided them according to their ordering in their service.
4 Wɔkyɛɛ Itamar deɛ mu akuo nwɔtwe, ɛfiri sɛ, na Eleasa asefoɔ mu mmusua mpanimfoɔ no dɔɔso.
There were more chief men found of the sons of Eleazar than of the sons of Ithamar; and they were divided like this: of the sons of Eleazar there were sixteen, heads of fathers’ houses; and of the sons of Ithamar, according to their fathers’ houses, eight.
5 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ.
Thus they were divided impartially by drawing lots; for there were princes of the sanctuary and princes of God, both of the sons of Eleazar, and of the sons of Ithamar.
6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:
Shemaiah the son of Nethanel the scribe, who was of the Levites, wrote them in the presence of the king, the princes, Zadok the priest, Ahimelech the son of Abiathar, and the heads of the fathers’ households of the priests and of the Levites; one fathers’ house being taken for Eleazar, and one taken for Ithamar.
7 Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yehoiarib. Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Yedaia.
Now the first lot came out to Jehoiarib, the second to Jedaiah,
8 Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Harim. Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Seorim.
the third to Harim, the fourth to Seorim,
9 Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Malkia. Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Miyamin.
the fifth to Malchijah, the sixth to Mijamin,
10 Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Hakos. Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Abia.
the seventh to Hakkoz, the eighth to Abijah,
11 Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Yesua. Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Sekania.
the ninth to Jeshua, the tenth to Shecaniah,
12 Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Eliasib. Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Yakim.
the eleventh to Eliashib, the twelfth to Jakim,
13 Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa. Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Yesebeab.
the thirteenth to Huppah, the fourteenth to Jeshebeab,
14 Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Bilga. Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Imer.
the fifteenth to Bilgah, the sixteenth to Immer,
15 Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Hesir. Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.
the seventeenth to Hezir, the eighteenth to Happizzez,
16 Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Petahia. Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Yeheskel.
the nineteenth to Pethahiah, the twentieth to Jehezkel,
17 Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Yakin. Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gamul.
the twenty-first to Jachin, the twenty-second to Gamul,
18 Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Delaia. Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Maasia.
the twenty-third to Delaiah, and the twenty-fourth to Maaziah.
19 Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.
This was their ordering in their service, to come into Yahweh’s house according to the ordinance given to them by Aaron their father, as Yahweh, the God of Israel, had commanded him.
20 Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ: Amram asefoɔ ntuanoni ne Subael. Subael asefoɔ ntuanoni ne Yehdeia.
Of the rest of the sons of Levi: of the sons of Amram, Shubael; of the sons of Shubael, Jehdeiah.
21 Rehabia asefoɔ ntuanoni ne Yisia.
Of Rehabiah: of the sons of Rehabiah, Isshiah the chief.
22 Yishar asefoɔ ntuanoni ne Selomot. Selomot asefoɔ ntuanoni ne Yahat.
Of the Izharites, Shelomoth; of the sons of Shelomoth, Jahath.
23 Hebron asefoɔ ntuanofoɔ ne: Yeria; Amaria ne nʼabadiakyire, Yahasiel na ɔtɔ so mmiɛnsa na Yekameam tɔ so ɛnan.
The sons of Hebron: Jeriah, Amariah the second, Jahaziel the third, and Jekameam the fourth.
24 Usiel asefoɔ ntuanoni ne Mika. Mika asefoɔ ntuanoni ne Samir
The sons of Uzziel: Micah; of the sons of Micah, Shamir.
25 ne Mika nuabarima Yisia. Yisia asefoɔ ntuanoni ne Sakaria.
The brother of Micah: Isshiah; of the sons of Isshiah, Zechariah.
26 Merari asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli ne Musi. Yasia asefoɔ ntuanoni ne Beno.
The sons of Merari: Mahli and Mushi. The son of Jaaziah: Beno.
27 Merari asefoɔ a wɔfiri Yasia mu no, ntuanofoɔ no ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri.
The sons of Merari by Jaaziah: Beno, Shoham, Zaccur, and Ibri.
28 Mahli asefoɔ ntuanoni ne Eleasa a na ɔnni mmammarima no.
Of Mahli: Eleazar, who had no sons.
29 Kis asefoɔ ntuanoni ne Yerahmeel.
Of Kish, the son of Kish: Jerahmeel.
30 Musi asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewi asefoɔ ne sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
The sons of Mushi: Mahli, Eder, and Jerimoth. These were the sons of the Levites after their fathers’ houses.
31 Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefoɔ deɛ no, a wɔanhwɛ mfeɛ a wɔadi ne wɔn diberɛ. Wɔdii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmusua mpanimfoɔ no anim.
These likewise cast lots even as their brothers the sons of Aaron in the presence of David the king, Zadok, Ahimelech, and the heads of the fathers’ households of the priests and of the Levites, the fathers’ households of the chief even as those of his younger brother.

< 1 Berɛsosɛm 24 >