< 1 Berɛsosɛm 22 >

1 Afei, Dawid kaa sɛ, “Ɛha ne baabi a wɔbɛsi Awurade Onyankopɔn Asɔredan no ne afɔrebukyia a Israel bɛbɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ no.”
Then David said, "This is the house of the LORD God, and this is the altar of burnt offering for Israel."
2 Ɛno enti, Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔhoɔ a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔmaa wɔtwaa aboɔ a wɔde bɛsi Onyankopɔn Asɔredan no.
David gave orders to gather together the foreigners who were in the land of Israel; and he set masons to cut worked stones to build God's house.
3 Dawid maa nnadeɛ pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho bɛhia ama apono ne mfɛwa. Ɔmaa kɔbere mfrafraeɛ nso bebree a na wɔntumi nkari mpo.
David prepared iron in abundance for the nails for the doors of the gates, and for the couplings; and bronze in abundance without weight;
4 Ɔmaa ntweneduro nnua pii nso, ɛfiri sɛ na mmarima a wɔfiri Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dada.
and cedar trees without number: for the Sidonians and they of Tyre brought cedar trees in abundance to David.
5 Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.
David said, "Solomon my son is young and tender, and the house that is to be built for the LORD must be exceedingly magnificent, of fame and of glory throughout all countries. I will therefore make preparation for it." So David prepared abundantly before his death.
6 Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsi asɔredan mma Awurade, Israel Onyankopɔn.
Then he called for Solomon his son, and commanded him to build a house for the LORD, the God of Israel.
7 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, na anka mepɛ sɛ mesi asɔredan de hyɛ Awurade, me Onyankopɔn, din animuonyam.
David said to Solomon, "My son, as for me, it was in my heart to build a house to the name of the LORD my God.
8 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Woakunkum nnipa bebree akodie akɛseɛ a wodii no mu. Na ɛsiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim enti, ɛnyɛ wo na wobɛsi asɔredan de ahyɛ me din animuonyam.
But the word of the LORD came to me, saying, 'You have shed blood abundantly, and have made great wars. You shall not build a house to my name, because you have shed much blood on the earth in my sight.
9 Na wobɛwo ɔbabarima a ne berɛ so asomdwoeɛ ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoeɛ abɛda ɔne nʼatamfoɔ a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahennie mu no, mɛma asomdwoeɛ ne ahotɔ aba Israel.
Look, a son shall be born to you, who shall be a man of rest. I will give him rest from all his enemies all around; for his name shall be Solomon, and I will give peace and quietness to Israel in his days.
10 Ɔno ne obi a ɔbɛsi asɔredan, de ahyɛ me din animuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahennie ahennwa atim wɔ Israel afebɔɔ.’
He shall build a house for my name; and he shall be my son, and I will be his father; and I will establish the throne of his kingdom over Israel for ever.'
11 “Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔsoɔ wɔ ɛberɛ a wodi nʼahyɛdeɛ so, na woresi Awurade, wo Onyankopɔn, asɔredan yi.
Now, my son, may the LORD be with you and prosper you, and build the house of the LORD your God, as he has spoken concerning you.
12 Na Awurade mma wo nyansa ne nteaseɛ, na woadi Awurade, wo Onyankopɔn mmara so wɔ ɛberɛ a wodi Israel so ɔhene yi.
May the LORD give you discretion and understanding, and put you in charge of Israel; that so you may keep the law of the LORD your God.
13 Sɛ wodi mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yie a, ɛbɛsi wo yie. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wʼakoma ntu.
Then you will prosper, if you observe to do the statutes and the ordinances which the LORD gave Moses concerning Israel. Be strong, and courageous. Do not be afraid, neither be dismayed.
14 “Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no sie ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 4,000, dwetɛ bɛyɛ tɔno 40,000 ne nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a wɔntumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne aboɔ a wɔde bɛyɛ afasuo no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho.
Now, look, in my affliction I have prepared for the house of the LORD one hundred thousand talents of gold, one million talents of silver, and bronze and iron without weight; for it is in abundance. I have also prepared timber and stone; and you may add to them.
15 Wowɔ aboɔ adansifoɔ, nnua adwumfoɔ ne nnwuma ahodoɔ mu adwumfoɔ bebree.
There are also workmen with you in abundance, cutters and workers of stone and timber, and all kinds of men who are skillful in every kind of work:
16 Wɔyɛ abenfoɔ wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinnie mu, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ ho adwumayɛfoɔ. Afei hyɛ adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”
of the gold, the silver, and the bronze, and the iron, there is no number. Arise and be doing, and may the LORD be with you."
17 Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofoɔ nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadie no mu.
And David also commanded all the leaders of Israel to help Solomon his son, saying,
18 Ɔkaa sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoeɛ aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, enti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nkoa.
"Isn't the LORD your God with you? Hasn't he given you rest on every side? For he has delivered the inhabitants of the land into my hand; and the land is subdued before the LORD, and before his people.
19 Afei firi wʼakoma nyinaa mu hwehwɛ Awurade, wo Onyankopɔn. Si Awurade Onyankopɔn kronkronbea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronneɛ no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din animuonyam no mu.”
Now set your heart and your soul to seek after the LORD your God. Arise therefore, and build the sanctuary of the LORD God, to bring the ark of the covenant of the LORD, and the holy vessels of God, into the house that is to be built to the name of the LORD."

< 1 Berɛsosɛm 22 >