< 1 Berɛsosɛm 21 >

1 Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, ma Dawid kanee Israelfoɔ.
An adversary arose against Israel and incited David to count Israel.
2 Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodoɔ mmrɛ me, na ɛmma menhunu wɔn ano.”
David said to Joab and to the commanders of the army, “Go, count the people of Israel from Beersheba to Dan and report back to me, that I may know their number.”
3 Na Yoab kaa sɛ, “Awurade mmɔ ne nkurɔfoɔ no dodoɔ ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfoɔ anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”
Joab said, “May Yahweh make his army a hundred times greater than it is. But my master the king, do they not all serve my master? Why does my master want this? Why bring guilt on Israel?”
4 Nanso, ɔhene no kaa sɛ, deɛ ɛteɛ biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti, Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kanee nnipa no. Na ɔsane baa Yerusalem
But the king's word was enforced against Joab. So Joab left and went throughout all Israel. Then he came back to Jerusalem.
5 bɛkaa nnipa no dodoɔ kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodoɔ yɛ mmarima ɔpepem baako ne ɔpeha a wɔaso ɔsa kɔ wɔ Israel ne ɔpehanan aduɔson wɔ Yuda.
Then Joab reported the total of the count of the fighting men to David. There were in Israel 1,100,000 men who drew the sword. Judah alone had 470,000 soldiers.
6 Nanso, Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuo anka nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, na deɛ ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahomete.
But Levi and Benjamin were not counted among them, for the king's command had disgusted Joab.
7 Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa enti, ɔtwee Israel aso wɔ ho.
God was offended by this action, so he attacked Israel.
8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mayɛ bɔne kɛseɛ. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseadeɛ a mayɛ no kyɛ me.”
David said to God, “I have greatly sinned by doing this. Now take away your servant's guilt, for I have acted very foolishly.”
9 Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunumuni no. Na nkra no nie:
Yahweh told Gad, David's prophet,
10 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Merema wo nneɛma mmiɛnsa. Yi saa asotweɛ yi mu baako na menyɛ ntia wo.’”
“Go say to David, 'This is what Yahweh says: I am giving you three choices. Choose one of them.'”
11 Enti, Gad baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ, “Nneɛma mmiɛnsa a Awurade de ama wo no nie:
So Gad went to David and said to him, “Yahweh says this, 'Choose one of these:
12 Wopɛ a, yi mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm kɛseɛ bɛba anaa abosome mmiɛnsa a wʼatamfoɔ bɛkunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yie a, Awurade ɔbɔfoɔ nam so de ɔsɛeɛ bɛba Israel asase so. Dwene yei ho, na ma menhunu mmuaeɛ ko a memfa nkɔma Awurade.”
either three years of famine, three months being pursued by your enemies and being caught by their swords, or else three days of Yahweh's sword, that is, a plague in the land, with the angel of Yahweh destroying throughout all the land of Israel.' Now then, decide what answer I should take to the one who sent me.”
13 Dawid buaa Gad sɛ, “Yei yɛ ahohiahiasɛm. Ma ɛmfiri Awurade nsam, ɛfiri sɛ, nʼahummɔborɔ so. Mma ɛmfiri onipa nsam.”
Then David said to Gad, “I am in great distress! Let me fall into the hand of Yahweh rather than into the hand of man, for his merciful actions are very great.”
14 Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa ɔpeduɔson wuwuiɛ.
So Yahweh sent a plague on Israel, and seventy thousand people died.
15 Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfoɔ sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na ɔsoro ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa asɛe no no, Awurade nyaa ahummɔborɔ ka kyerɛɛ owuo soro ɔbɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa ɛberɛ no na ɔsoro ɔbɔfoɔ no gyina Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
God sent an angel to Jerusalem to destroy it. As he was about to destroy it, Yahweh watched and changed his mind about the harm. He said to the destroying angel, “Enough! Now draw back your hand.” At that time the angel of Yahweh was standing at the threshing floor of Ornan the Jebusite.
16 Dawid pagyaa nʼani hunuu sɛ Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ.
David looked up and saw the angel of Yahweh standing between earth and heaven, having a drawn sword in his hand raised over Jerusalem. Then David and the elders, clothed in sackcloth, lay facedown on the ground.
17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Me na mede nnipakan no ho asɛm baeɛ! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛso bi nna wɔn so. Ɛdeɛn na wɔayɛ? Ao Awurade me Onyankopɔn, ma wʼabufuo mmra me ne me fiefoɔ so, na nsɛe wo nkurɔfoɔ.”
David said to God, “Is it not I that commanded that the army be numbered? I did this wicked thing. But these sheep, what have they done? Yahweh my God! Let your hand strike me and my family, but do not let the plague remain on your people.”
18 Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid ma ɔnsi afɔrebukyia mma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
So the angel of Yahweh commanded Gad to say to David, that David should go up and build an altar for Yahweh at the threshing floor of Ornan the Jebusite.
19 Na Dawid yɛɛ deɛ Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no.
So David went up as Gad instructed him to do in the name of Yahweh.
20 Arauna a saa ɛberɛ no nʼani abere repore nʼatokoɔ so no danee ne ho hunuu ɔbɔfoɔ no wɔ hɔ. Ne mmammarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no dwane kɔtetɛeɛ.
While Ornan was threshing wheat, he turned and saw the angel. He and his four sons with him hid themselves.
21 Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene Dawid reba ayuporobea hɔ no, ɔfiri hɔ kɔkotoo nʼanim.
When David came to Ornan, Ornan looked and saw David. He left the threshing floor and bowed to David with his face to the ground.
22 Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna sɛ, “Tɔn ayuporobea yi ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ. Na mɛsi afɔrebukyia ama Awurade wɔ hɔ sɛdeɛ ɔbɛsi ɔyaredɔm no ano.”
Then David said to Ornan, “Sell me this threshing floor, so I can build an altar for Yahweh. I will pay the full price, so that the plague may be removed from the people.”
23 Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa, me wura, na fa yɛ deɛ wopɛ. Anantwie a wode bɛbɔ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporobea nnua yi ayɛ anyina de asɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. Fa atokoɔ no nso bɔ atokoɔ afɔdeɛ. Mede ne nyinaa bɛma wo.”
Ornan said to David, “Take it as your own, my master the king. Do with it what is good in your sight. Look, I will give you oxen for burnt offerings, threshing sledges for wood, and wheat for the grain offering; I will give it all to you.”
24 Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi! Mepɛ sɛ metua deɛ ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapadeɛ mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a memmɔɔ ho ka.”
King David said to Ornan, “No, I insist on buying it for the full price. I will not take what is yours and offer it as a burnt offering to Yahweh if it costs me nothing.”
25 Enti, Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram nson maa Arauna, de tɔɔ ayuporobea no.
So David paid six hundred shekels of gold for the place.
26 Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, nam so de ogya firi soro bɛhyee afɔrebɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no.
David built an altar for Yahweh there and offered on it burnt offerings and fellowship offerings. He called on Yahweh, who answered him with fire from heaven on the altar for burnt offerings.
27 Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no maa ɔsane de nʼakofena no hyɛɛ ne bɔha mu.
Then Yahweh gave an order to the angel, and the angel put his sword back into its sheath.
28 Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ Awurade atie ne mpaeɛbɔ no, ɔbɔɔ afɔdeɛ pii wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
When David saw that Yahweh had answered him at the threshing floor of Ornan the Jebusite, he performed the sacrifice there at that same time.
29 Saa ɛberɛ no na Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ne afɔrebukyia a Mose sii wɔ ɛserɛ so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ.
Now at that time, Yahweh's tabernacle, which Moses had made in the wilderness, and the altar for burnt offerings, were at the high place at Gibeon.
30 Nanso, Dawid antumi ankɔ hɔ ankɔbisa Onyankopɔn ase, ɛfiri sɛ, akofena a Awurade ɔbɔfoɔ no tweeɛ no bɔɔ no hu.
However, David could not go there to ask for God's direction, because he was afraid of the sword of the angel of Yahweh.

< 1 Berɛsosɛm 21 >