< 1 Berɛsosɛm 16 >

1 Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔsii ntomadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn anim.
They brought in God’s ark, and set it in the middle of the tent that David had pitched for it; and they offered burnt offerings and peace offerings before God.
2 Dawid wieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ Awurade din mu.
When David had finished offering the burnt offering and the peace offerings, he blessed the people in Yahweh’s name.
3 Na ɔkyɛɛ Israelfoɔ mmaa ne mmarima nyinaa aduane. Obiara nyaa burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam.
He gave to everyone of Israel, both man and woman, to everyone a loaf of bread, a portion of meat, and a cake of raisins.
4 Dawid yii saa Lewifoɔ yi sɛ wɔnni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Onyankopɔn ase na wɔnkamfo no.
He appointed some of the Levites to minister before Yahweh’s ark, and to commemorate, to thank, and to praise Yahweh, the God of Israel:
5 Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ yɛ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten.
Asaph the chief, and second to him Zechariah, then Jeiel, Shemiramoth, Jehiel, Mattithiah, Eliab, Benaiah, Obed-Edom, and Jeiel, with stringed instruments and with harps; and Asaph with cymbals, sounding aloud;
6 Asɔfoɔ Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntotorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.
with Benaiah and Jahaziel the priests with trumpets continually, before the ark of the covenant of God.
7 Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ:
Then on that day David first ordained giving of thanks to Yahweh by the hand of Asaph and his brothers.
8 Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.
Oh give thanks to Yahweh. Call on his name. Make what he has done known among the peoples.
9 Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.
Sing to him. Sing praises to him. Tell of all his marvelous works.
10 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.
Glory in his holy name. Let the heart of those who seek Yahweh rejoice.
11 Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.
Seek Yahweh and his strength. Seek his face forever more.
12 Monkae anwanwadeɛ a wayɛ, ne nsɛnkyerɛnneɛ ne atemmuo a ɔbuiɛ.
Remember his marvelous works that he has done, his wonders, and the judgments of his mouth,
13 Ao Israel mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ, Ao Yakob mma a wapa wɔn.
you offspring of Israel his servant, you children of Jacob, his chosen ones.
14 Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn; nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.
He is Yahweh our God. His judgments are in all the earth.
15 Ɔkae nʼapam daa nyinaa, asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no.
Remember his covenant forever, the word which he commanded to a thousand generations,
16 Yei ne apam a ɔne Abraham yɛeɛ ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.
the covenant which he made with Abraham, his oath to Isaac.
17 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;
He confirmed it to Jacob for a statute, and to Israel for an everlasting covenant,
18 “Mede Kanaan asase no bɛma wo sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”
saying, “I will give you the land of Canaan, The lot of your inheritance,”
19 Ɔkaa yei wɔ ɛberɛ a na wɔnnɔɔso, ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
when you were but a few men in number, yes, very few, and foreigners in it.
20 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so, firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
They went about from nation to nation, from one kingdom to another people.
21 Nanso, wamma obi anhyɛ wɔn so; wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ;
He allowed no man to do them wrong. Yes, he reproved kings for their sakes,
22 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo, na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”
“Don’t touch my anointed ones! Do my prophets no harm!”
23 Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade! Ɛda biara mompae mu nka asɛmpa no sɛ ɔgye nkwa.
Sing to Yahweh, all the earth! Display his salvation from day to day.
24 Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro wɔ amanaman mu. Monka anwanwadeɛ a ɔyɛ nkyerɛ obiara.
Declare his glory among the nations, and his marvelous works among all the peoples.
25 Awurade yɛ kɛseɛ! Na ɔfata ayɛyie! Ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.
For great is Yahweh, and greatly to be praised. He also is to be feared above all gods.
26 Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!
For all the gods of the peoples are idols, but Yahweh made the heavens.
27 Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia, ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenaeɛ.
Honor and majesty are before him. Strength and gladness are in his place.
28 Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.
Ascribe to Yahweh, you families of the peoples, ascribe to Yahweh glory and strength!
29 Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade! Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no. Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.
Ascribe to Yahweh the glory due to his name. Bring an offering, and come before him. Worship Yahweh in holy array.
30 Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim. Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim.
Tremble before him, all the earth. The world also is established that it can’t be moved.
31 Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho! Momma aman nyinaa nte sɛ, “Awurade yɛ ɔhene!”
Let the heavens be glad, and let the earth rejoice! Let them say among the nations, “Yahweh reigns!”
32 Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no. Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue.
Let the sea roar, and its fullness! Let the field exult, and all that is in it!
33 Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛ nyɛ ayɛyie Awurade anim! Ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asase atɛn.
Then the trees of the forest will sing for joy before Yahweh, for he comes to judge the earth.
34 Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
Oh give thanks to Yahweh, for he is good, for his loving kindness endures forever.
35 Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn! Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam, na yɛatumi ada wo din kronkron ase, na yɛadi ahurisie akamfo wo.”
Say, “Save us, God of our salvation! Gather us together and deliver us from the nations, to give thanks to your holy name, to triumph in your praise.”
36 Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.
Blessed be Yahweh, the God of Israel, from everlasting even to everlasting. All the people said, “Amen,” and praised Yahweh.
37 Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara.
So he left Asaph and his brothers there before the ark of Yahweh’s covenant, to minister before the ark continually, as every day’s work required;
38 Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ.
and Obed-Edom with their sixty-eight relatives; Obed-Edom also the son of Jeduthun and Hosah to be doorkeepers;
39 Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, sɛ wɔnsom Awurade anim wɔ hɔ.
and Zadok the priest and his brothers the priests, before Yahweh’s tabernacle in the high place that was at Gibeon,
40 Anɔpa ne anwummerɛ biara, wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadie no so. Na wɔdii biribiara a wɔatwerɛ sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so.
to offer burnt offerings to Yahweh on the altar of burnt offering continually morning and evening, even according to all that is written in Yahweh’s law, which he commanded to Israel;
41 Dawid sane yii Heman, Yedutun ne afoforɔ bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ, wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔeɛ no tim hɔ daa.”
and with them Heman and Jeduthun and the rest who were chosen, who were mentioned by name, to give thanks to Yahweh, because his loving kindness endures forever;
42 Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ.
and with them Heman and Jeduthun with trumpets and cymbals for those that should sound aloud, and with instruments for the songs of God, and the sons of Jeduthun to be at the gate.
43 Na nnipa no nyinaa sane kɔɔ wɔn afie mu. Dawid nso sane kɔɔ ne fie, kɔhyiraa ne fiefoɔ.
All the people departed, each man to his house; and David returned to bless his house.

< 1 Berɛsosɛm 16 >