< 1 Berɛsosɛm 10 >

1 Afei, Filistifoɔ no bɛto hyɛɛ Israel so, ma Israelfoɔ no dwaneeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu pii wɔ bepɔ Gilboa so.
Now the Philistines fought against Israel: and the men of Israel fled from before the Philistines, and fell down slain on Mount Gilboa.
2 Filistifoɔ no kaa Saulo ne ne mmammarima hyɛeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu baasa a wɔn ne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua.
The Philistines followed hard after Saul and after his sons; and the Philistines killed Jonathan, and Abinadab, and Malkishua, the sons of Saul.
3 Ɔko no ano yɛɛ den wɔ Saulo ho hyiaaɛ, ma Filistifoɔ agyantofoɔ no nyaa Saulo piraa no yie.
The battle grew fierce against Saul, and the archers overtook him; and he was wounded by the archers.
4 Saulo firi apenesie mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wʼakofena, na fa wɔ me kum me na Filistifoɔ abosonsomfoɔ yi ammɛto me, angu mʼanim ase.” Nanso, na nʼakodeɛkurafoɔ no suro enti, wanyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ara nʼakofena, de kumm ne ho.
Then said Saul to his armor bearer, "Draw your sword, and thrust me through with it, lest these uncircumcised come and torture me." But his armor bearer would not, for he was greatly afraid. Therefore Saul took his sword, and fell on it.
5 Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso de nʼakofena kumm ne ho.
When his armor bearer saw that Saul was dead, he likewise fell on his sword, and died.
6 Ɛno enti, Saulo ne ne mmammarima baasa no wuwuu wɔ hɔ ara, ma nʼahennie nnidisoɔ no baa awieeɛ.
So Saul died, and his three sons; and all his house died together.
7 Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no mu no hunuu sɛ wɔadi wɔn akodɔm no so, na Saulo ne ne mmammarima baasa no awuwu no, wɔdwane gyaa wɔn nkuro hɔ. Ɛno enti, Filistifoɔ no kɔfaa wɔn nkuro no.
When all the men of Israel who were in the valley saw that they fled, and that Saul and his sons were dead, they forsook their cities, and fled; and the Philistines came and lived in them.
8 Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ no kɔɔ sɛ wɔrekɔyiyi atɔfoɔ no ho nneɛma no, wɔhunuu sɛ Saulo ne ne mmammarima no amu gugu bepɔ Gilboa so.
It happened on the next day, when the Philistines came to strip the slain, that they found Saul and his sons fallen on Mount Gilboa.
9 Enti, wɔyiyii Saulo akodeɛ firii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wuo no ho dawuro, maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa teeɛ.
They stripped him, and took his head, and his armor, and sent into the land of the Philistines all around, to carry the news to their idols, and to the people.
10 Wɔde nʼakodeɛ no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no ɔfasuo ho.
They put his armor in the house of their gods, and fastened his head in the house of Dagon.
11 Nanso, Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no,
When all the inhabitants of Jabesh Gilead heard all that the Philistines had done to Saul,
12 wɔn akofoɔ kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu baa Yabes. Na wɔsiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wɔdii mmuada nnanson.
all the valiant men arose, and took away the body of Saul, and the bodies of his sons, and brought them to Jabesh, and buried their bones under the oak in Jabesh, and fasted seven days.
13 Na Saulo wuiɛ, ɛfiri sɛ, wanni Awurade nokorɛ. Wanni Awurade ahyɛdeɛ so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ,
So Saul died for his trespass which he committed against the LORD, because of the word of the LORD, which he did not keep; and also because he asked counsel of one who had a familiar spirit, to inquire thereby,
14 wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ ɔbisa akwankyerɛ firi Awurade hɔ. Ɛno enti, Awurade kumm no, de nʼahennie hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.
and did not inquire of the LORD: therefore he killed him, and turned the kingdom to David the son of Jesse.

< 1 Berɛsosɛm 10 >