< Adiyisɛm 3 >

1 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no se: Eyi ne asɛm a efi nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no nkyɛn. Minim nea woreyɛ. Minim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu. 2 Enti nyan, na kanyan nea aka wɔ wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ mahu sɛ nea woayɛ no nnya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim ɛ. 3 Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo, na worenhu bere ko a mɛba. 4 Nanso mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekae nkekaa wɔn ntade mu ɛ. Wɔbɛhyɛ ntade fitaa na wɔne me anantew, efisɛ ɛsɛ, wɔfata sa. 5 Nea obedi nkonim no bɛhyɛ atade fitaa sɛ wɔn ara, na merentwa ne din mfi ateasefo nhoma no mu da. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfo anim sɛ ɔyɛ me dea. 6 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. 7 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Filadelfia no se: Eyi ne asɛm a efi nea ɔyɛ kronkron na ɔyɛ nokware na okura Dawid safe no nkyɛn. Nea obue a, obi ntumi nto mu na sɛ ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no. 8 Minim nea woyɛ. Minim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokware. Mabue ɔpon bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu. 9 Tie! Kuw a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofo a wɔka se wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abebu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa behu sɛ medɔ wo. 10 Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ nti, sɛ ɔhaw a ɛreba wiase nyinaa de bɛsɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, megye wo afi mu. 11 Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapade, na obi anwia wo nkonim abotiri no. 12 Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum wɔ me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi ɔsoro, me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho. 13 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. 14 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se: Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no sodifo no nkyɛn. 15 Minim nea woayɛ. Minim sɛ wonyɛ nwini nso wonyɛ hyew. Me pɛ ne sɛ anka wobɛyɛ mu baako. 16 Nanso esiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hyew na wonyɛ nwini nti, merebɛte wo sɛ ntasu afi mʼanom. 17 Woka se, ‘meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa.’ Nanso, wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na wʼani afura. 18 Enti mitu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ ankasa, fi me nkyɛn, sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei, tɔ ntade fitaa hyɛ na fa kata wʼanimguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu wʼani so, sɛnea wubehu ade. 19 Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho fi bɔne ho. 20 Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na obue ɔpon no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi. 21 Mɛma nkonimdifo no atena mʼahengua no ho, sɛnea madi nkonim nti, mete mʼAgya ahengua ho mprempren no. 22 Sɛ wowɔ aso a, ɛno de tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

< Adiyisɛm 3 >