< 4 Mose 26 >

1 Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se, 2 “Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.” 3 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se, 4 “Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.” Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no: 5 Eyinom ne Yakob babarima panyin Ruben asefo: Hanokfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok; Palufo abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu; 6 Hesronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron; Karmifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi. 7 Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan abiɛsa ahanson aduasa. 8 Na Palu yɛ Eliab babarima, 9 na Eliab mmabarima ne Nemuel, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofo a wɔka Kora akyidifo a wɔyɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtiaa no ho. 10 Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne. 11 Nanso Kora ase antɔre. 12 Eyinom ne mmusua a wofi Simeon ase: Nemuelfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel. Yaminfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin. Yakinfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin. 13 Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah; Saulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo. 14 Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu. 15 Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Gad asefo: Sefonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon; Hagifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi; Sunifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni; 16 Osnifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni; Erifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri; 17 Arodfo abusua, wɔde too wɔn agya Arod; Arelifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli. 18 Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodow yɛ mpem aduanan ne ahannum. 19 Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so. 20 Yuda asefo mmusua a edidi so yi: Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela; Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres; Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah. 21 Eyinom ne mmusua a wofi Peres ase. Hesronfo abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron; Hamulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul. 22 Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduɔson asia ne ahannum. 23 Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase: Tolafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola; Puwafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa; 24 Yasubfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub; Simronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron. 25 Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahaasa. 26 Eyinom ne mmusua a wofi Sebulon ase: Seredfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered; Elonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon. Yakleefo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel. 27 Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia ne ahannum. 28 Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae. 29 Manase asefo: Makirfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir; Gileadfo abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead. 30 Eyinom ne mmusua a wofi Gileadfo ase: Yeserfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser; Helekfo abusua, wɔde too wɔn agya Helek. 31 Asrielfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel; Sekemfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem; 32 Semidafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida; Heferfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer. 33 Hefer babarima Selofehad annya mmabarima nanso na ɔwɔ mmabea a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 34 Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson. 35 Eyinom ne mmusua a wofi Efraim ase: Sutelafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela; Bekerfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker; Tahanfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan. 36 Eyinom ne Sutela asefo: Eranfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran. 37 Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum. Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Yosef asefo. 38 Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase. Belafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela; Asbelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel; Ahiramfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram; 39 Sufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam; Hufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam. 40 Eyinom ne mmusua a wofi Belafo mu; Ardfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Ard; Naamanfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Naaman. 41 Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahansia. 42 Eyi ne abusua a efi Dan ase. Suhamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan asefo no nyinaa yɛ Suhamfo. 43 Mmarima a na wɔwɔ saa mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahannan. 44 Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase: Yimnafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna; Isuifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui; Beriafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria. 45 Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase: Heberfo de wɔn ho too wɔn tete agya Heber; Malkielfo de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel. 46 Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera. 47 Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan. 48 Eyinom ne mmusua a wofi Naftali ase: Yakseelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel; Gunifo abusua no, wɔde too wɔn agya Guni; 49 Yeserfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser; Silemfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem. 50 Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahannan. 51 Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa. 52 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 53 “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te. 54 Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa. 55 Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so. 56 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.” 57 Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn: Wɔde Gersonfo too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfo too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifo too wɔn tete agya Merari. 58 Eyinom nso yɛ Lewifo mmusua: Libnifo, Hebronfo, Mahlifo, Musifo ne Korafo. Kohat yɛ Amram tete agya. 59 Bere a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabea a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam. 60 Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar. 61 Nanso, bere a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wowuwui. 62 Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa. Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi. 63 Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no. 64 Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu. 65 Efisɛ Awurade ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.

< 4 Mose 26 >