< Luka 19 >

1 Da bi a na Yesu retwa mu wɔ Yeriko no, 2 ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso. 3 Bere a Yesu retwa mu no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ohu no, nanso esiane sɛ na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no. 4 Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi hɔ no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako. 5 Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so huu no ka kyerɛɛ no se, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fi na nnɛ mɛtena.” 6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so. 7 Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Ɔdebɔneyɛni yi na wakɔ akɔsoɛ no.” 8 Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.” 9 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso yɛ Abraham ba. 10 Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.” 11 Bere a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsan buu wɔn bɛ foforo de kyerɛɛ wɔn se, Onyankopɔn ahenni no abɛn. 12 Ɔkae se, “Ɔdehye bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so san kɔɔ ne kurom se ɔrekɔ na wɔakosi no ɔhene. 13 Ansa na ɔrebefi nʼakwantu no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo mu du maa wɔn mu biara minadu ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’ 14 “Kurom hɔfo no tee nʼahenni no ho asɛm no, wotuu nnipa kohuu mpanyimfo no se wɔmpɛ no. 15 “Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ faako a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho akontaa nkyerɛ no. 16 “Odwumayɛni a odii kan ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho du.’ 17 “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa, esiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokware nti, mede nkurow du bɛhyɛ wʼase na woadi so.’ 18 “Odwumayɛni a ɔto so abien no ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho anum.’ 19 “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mede nkurow anum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’ 20 “Ɔfoforo nso bɛkae se, ‘Me wura wo sika mina du a wode maa me no, mede siei, ɛno ni. 21 Na misuro wo, efisɛ wo ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ wo dea no, wugye na nea wunnuae nso no, wutwa.’ 22 “Ne wura no buaa no se, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na migyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ me dea no migye; nea minnuae no, mitwa. 23 Adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebae yi menya ho nsiho.’ 24 “Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a na wogyina hɔ no se, ‘Munnye sika no mfi ne nsam mfa mma nea ɔde ne de yɛɛ adwuma nyaa mmɔho du no.’ 25 “Asomfo no kae se, ‘Yɛn wura, sɛ oyi de ɔwɔ sika bebree!’ 26 “Owura no kae se, ‘Merema mo ate ase sɛ, nea ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na nea ɔwɔ kakraa bi no, nea ɔwɔ mpo no, wobegye afi ne nsam. 27 Na afei, momfa mʼatamfo a anka wɔmpɛ sɛ midi ade no mmra mʼanim ha na munkum wɔn!’” 28 Yesu kaa nsɛm yi wiee no, odii nʼasuafo no kan kɔɔ Yerusalem. 29 Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔw so no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn se, 30 “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsan no mfa no mmrɛ me. 31 Sɛ obi bisa se ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka nkyerɛ no se, ‘Ne ho hia Awurade.’” 32 Asuafo baanu a wɔkɔe no kohuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛnea Yesu kae no. 33 Bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan aboa no?” 34 Wobuaa wɔn se, “Ne ho hia Awurade.” 35 Asuafo no de afurum ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntama sesɛw ne so ma ɔtenaa ne so. 36 Yesu te afurum ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so ma ɔfaa so. 37 Oduu Ngo Bepɔw no so baabi a wɔrebesian akɔ Yerusalem no, nʼakyidifo no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwonwade ahorow a wayɛ no ho se, 38 “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoe ne anuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohɔ!” 39 Farisifo no bi a na wɔfra nnipakuw no mu no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ wʼakyidifo no na wommua wɔn ano!” 40 Yesu buaa wɔn se, “Sɛ womua wɔn ano koraa a, abo mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.” 41 Yesu rebɛn Yerusalem a ohuu kurow no, osu maa mu nnipa no se, 42 “Mo a anka asomdwoe yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan, nanso mo nsa renka da! 43 Nna bi bɛba a mo atamfo bɛba abɛtoa mo aka mo ahyɛ, 44 atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kurow yi pasaa, efisɛ moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.” 45 Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpam nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se, 46 “Wɔakyerɛw se, ‘Me fi bɛyɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ adwowtwafo atenae!’” 47 Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no akyere no akum no. 48 Nanso na wonhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, efisɛ bere nyinaa na nnipa akyere no so retie no.

< Luka 19 >