< Luka 16 >

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ ofi sohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee sɛ ne fi sohwɛfo no resɛe ne nneɛma. 2 Ɔtee saa asɛm no, ɔfrɛɛ ne fi sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Dɛn na metete fa wo ho yi? Bebu wʼadwuma ho akontaa kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’ 3 “Ofi sohwɛfo no kaa wɔ ne tirim se, ‘Menyɛ dɛn ni? Nnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade. 4 Minim nea mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no behu me mmɔbɔ.’ 5 “Enti ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Obisaa nea odi kan no se, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’ 6 “Obuae se, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’ “Enti ɔka kyerɛɛ no se, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode ngo nhina du ka.’ 7 “Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforo bi nso bisaa no se, ‘Na wo nso, ka ahe na wode me wura?’ “Ɔno nso buae se, ‘Mede aburow nkotoku ɔha ka.’ “Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode nkotoku aduonum ka!’ 8 “Ɔdefo no huu nea ofi sohwɛfo no yɛe no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no wɔ nʼanifiri no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw sɛ wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no. (aiōn g165) 9 Na me nso mise mo sɛ, momfa wiase ahonyade no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ɛsa a wɔagye mo. (aiōnios g166) 10 “Nanso nea odi nokware wɔ kakraa bi ho no bedi nokware wɔ pii ho; na nea onni nokware wɔ kakraa bi ho no rentumi nni nokware wɔ pii ho. 11 Sɛ moantumi anni nokware wɔ wiase nneɛma ho a, hena na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? 12 Sɛ moanni nokware wɔ obi ade bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo? 13 “Ɔsomfo biara rentumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.” 14 Farisifo sikaniberefo no tee nea Yesu kae no, wodii ne ho fɛw. 15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mubu mo ho atreneefo wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo koma mu. Na nea ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyide wɔ Onyankopɔn anim. 16 “Ansa na Osuboni Yohane bɛba no na Mose mmara ne adiyifo no nsɛm no na mudi so. Na Osuboni Yohane bae no ɔbɛkaa Onyankopɔn ahenni ho nsɛm kyerɛɛ mo, nti nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa ahenni no mu. 17 Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwa mu sen sɛ mmara no mu nsensanee ketewa baako mpo bɛyera. 18 “Obiara a ogyaa ne yere aware na ɔware ɔfoforo no bɔ aguaman; na nea ɔware ɔbea biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ aguaman.” 19 Yesu toaa so kae se, “Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso. 20 Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano. 21 Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da hɔ no bɛtaforo nʼakuru no mu. 22 “Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no. 23 Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. (Hadēs g86) 24 Ɔdefo no teɛɛ mu se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’ 25 “Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no wudii dɛ na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi dɛ na wo nso woredi yaw. 26 Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’ 27 “Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya fi, 28 efisɛ mewɔ nuabarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyeraw yi mu bi.’ 29 “Abraham buaa no se, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka enti ma wontie na wonni so.’ 30 “Ɔdefo yi kaa bio se, ‘Agya Abraham, nea woreka yi wɔ mu de, nanso sɛ obi fi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ de a, wɔbɛsakra wɔn adwene.’ (questioned) 31 “Abraham buae se, ‘Sɛ wɔantie nea Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi fi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no no.’” (questioned)

< Luka 16 >