< Luka 13 >

1 Saa bere no na nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu se Pilato akum Galileafo bi a wɔrebɔ afɔre ama Onyankopɔn na ɔde wɔn mogya afra afɔrebɔ no. 2 Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ saa Galileafo no yɛ nnebɔneyɛfo sen wɔn a aka no nyinaa nti na wokum wɔn no? 3 Dabi da, sɛ mo nso moansakra mo adwene a, wobekunkum mo saa ara. 4 Anaasɛ mususuw sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kunkum wɔn no yɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a na wɔte Yerusalem no? 5 Dabi da, mo nso moansakra a, mubewuwu saa ara.” 6 Afei Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Da bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔtew so aba no bi nanso wannya bi. 7 Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Mfe abiɛsa ni, bere biara a mɛba sɛ merebɛtew borɔdɔma no bi no, minnya bi. Adɛn nti na ɛresɛe kwa yi? Twa kyene.’ 8 “Turo no sohwɛfo no srɛɛ no se, ‘Me wura, ma ensi hɔ afe yi nso na mingugu ase sumina nhwɛ 9 sɛ ebia, ɛbɛsow aba bi ana, na sɛ antumi ansow a ɛno de metwa akyene.’” 10 Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no, 11 na ɔbea bi wɔ hɔ a honhommɔne mu ɔyare bi akyere no mfe dunwɔtwe ama ne mu akoa a ontumi nteɛ ne mu koraa. 12 Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbea, wo ho nyɛ wo den.” 13 Ɔde ne nsa guu ne so, na amono mu hɔ ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ. 14 Hyiadan no so panyin a ohuu ɔbea no ayaresa no de abufuw kae se, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.” 15 Na Awurade buaa no se, “Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda? 16 Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?” 17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wui. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwonwade ahorow a ɔyɛe no nyinaa ho. 18 Afei Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ahenni no ho asɛm, na obisaa wɔn se, “Onyankopɔn ahenni no te dɛn? Na dɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ ase? 19 Onyankopɔn ahenni no te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuw mu na enyin yɛɛ dutan kɛse maa nnomaa kɔnwen wɔn mmerebuw wɔ so.” 20 Obisaa bio se, “Dɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ ase? 21 Ɛte sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.” 22 Bere a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow so ne nkuraa ase ansa na ɔredu hɔ. 23 Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no se, “Awurade, nnipa kakraa bi na wobegye wɔn nkwa ana?” Obuaa no se, 24 “Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu, efisɛ nnipa pii bɛhwehwɛ sɛ wobewura mu, nanso wɔrentumi. 25 Sɛ ɛba sɛ ofiwura no ato ɔpon no mu a, mobɛba abegyina akyi abɔ mu, aka se, ‘Owura, yɛsrɛ wo bue yɛn.’ “Na ɔno nso abisa mo se, ‘Mufi he? Minnim mo?’ 26 “Na mo nso moaka akyerɛ no se, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔn so.’ 27 “Na ofiwura no nso bebisa mo bio se, ‘Mufi he? Minnim mo. Mumfi mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo!’ 28 “Na sɛ muhu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfo no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ahenni no mu a, mode mo nsa begu mo ti atwa agyaadwo, efisɛ wɔbɛtow mo agu sum kabii mu. 29 Nnipa fi apuei ne atɔe nyinaa behyia wɔ Onyankopɔn ahenni no mu hɔ ato nsa adidi. 30 Na monkae sɛ akyikafo bi wɔ hɔ a, wobedi kan, na adikanfo bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.” 31 Saa bere no ara mu na Farisifo bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Fi ha kɔ, efisɛ Herode rehwehwɛ wo akum wo.” 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no se, ‘mitu ahonhommɔne, na masa nyarewa nnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, medu Yerusalem.’ 33 Nanso ɛsɛ sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyee, na otwa ara na etwa sɛ odiyifo bewu wɔ Yerusalem! 34 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbeatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase nanso moampene so. 35 Na mo afi bɛdan afituw na morenhu me kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no!’”

< Luka 13 >