< Hiob 13 >

1 “Mʼani ahu eyinom nyinaa, mʼaso ate, na ate ase. 2 Nea wunim no, me nso minim; wonyɛ abomfiaa mma me. 3 Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfo no na mekyerɛkyerɛ mʼasɛm mu kyerɛ Onyankopɔn. 4 Mode atoro mmom na asra me ho; mo nyinaa moyɛ ayaresafo a munsi hwee! 5 Sɛ mobɛyɛ komm koraa a ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo! 6 Afei muntie mʼano asɛm; muntie mʼanoyi. 7 Mobɛka amumɔyɛsɛm ama Onyankopɔn ana? Mobɛka nnaadaasɛm ama no ana? 8 Mobɛkyea mo aso ama no? Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no ana? 9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi mo yiye ana? Mubetumi adaadaa no sɛnea modaadaa nnipa no ana? 10 Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kokoa mu a, sɛnea ɛte biara, ɔbɛka mo anim 11 Nʼanuonyam mmɔ mo hu ana? Ne ho suro ntɔ mo so ana? 12 Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbu a ɛte sɛ nsõ; mo anoyi yɛ dɔte twann anoyi. 13 “Monyɛ komm mma menkasa; na nea ɛbɛyɛ me biara mmra me so. 14 Adɛn nti na mede me ho to amane mu na mede me nkwa to me nsam? 15 Ɛwɔ mu sɛ okum me de, nanso ne so na mʼani bɛda; ampa ara medi mʼakwan ho adanse wɔ nʼanim. 16 Nokware, eyi na ɛbɛyɛ me nkwagye, efisɛ nea onsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim! 17 Muntie me nsɛm yi yiye; monyɛ aso mma nea meka. 18 Afei a masiesie me nkurobɔ yi, minim sɛ medi bem. 19 Obi betumi abɔ me kwaadu ana? Sɛ ɛte saa de a, anka mɛyɛ komm na mawu. 20 “Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma abien yi pɛ ma me, na afei meremfa me ho nhintaw wo: 21 Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri, na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no. 22 Ɛno de, samena me na mɛba, anaa ma menkasa na bua me. 23 Mfomso ne bɔne dodow ahe na mayɛ? Kyerɛ me me mfomso ne me bɔne. 24 Adɛn nti na wode wʼanim asie me na wudwen sɛ meyɛ wo tamfo? 25 Wobɛyɛ ahaban a mframa rebɔ no ayayade ana? Wobɛtaa ntɛtɛ a awo ana? 26 Wokyerɛw sobo a ɛyɛ yaw tia me, na woka me mmabunmmere mu bɔne nyinaa gu me so. 27 Wode nkyehama gu mʼanan; wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yiye na wode agyiraehyɛde ayeyɛ mʼanammɔn mu. 28 “Enti onipa nkwa sa te sɛ ade a aporɔw, te sɛ atade a nwewee adi.

< Hiob 13 >