< Yesaia 61 >

1 Otumfo Awurade Honhom wɔ me so, efisɛ, wɔafrɛ me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum na wonyi nneduafo mfi sum mu, 2 se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ, 3 na memma wɔn a wodi awerɛhow wɔ Sion no nea wohia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛ nsi nsõ anan mu, anigye ngo nsi awerɛhowdi anan mu, ayeyi atade nsi abasamtu honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adum nea Awurade adua de ada nʼanuonyam adi. 4 Wobesi tete mmubui no bio, na wɔasiesie mmeaemmeae a asɛe dedaada no; wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛe no foforo nea asɛe awo ntoatoaso bebree no. 5 Ananafo bɛhwɛ mo nguankuw; ahɔho bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuw ne bobeturo mu. 6 Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfo, wɔbɛto mo din sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo. Amanaman no ahonya no na mubedi na wɔn ahode na mode bɛhoahoa mo ho. 7 Wɔn animguase anan mu me nkurɔfo benya anuonyam mmɔho, na ahohora anan mu wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ wɔn adedi mu; ne saa nti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, na anigye a enni awiei bɛyɛ wɔn dea. 8 “Na me Awurade, mepɛ atɛntrenee. Mikyi korɔn ne nnebɔne. Me nokware mu, mɛbɔ wɔn aba so na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa. 9 Wɔn asefo begye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfo no mu. Wɔn a wohu wɔn nyinaa begye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.” 10 Awurade mu na me ho sɛpɛw me mmoroso, me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi. Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura me na ɔde trenee atade yuu awura me, sɛnea ayeforokunu siesie me ti so sɛ ɔsɔfo, ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no. 11 Na sɛnea asase ma afifide pue na turo nso ma aba nyin no, saa ara na Otumfo Awurade bɛma trenee ne ayeyi apue wɔ amanaman anim.

< Yesaia 61 >