< 5 Mose 16 >

1 Daa munni Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram Abib no mu mma Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu da bi anadwo na Onyankopɔn yii mo fii Misraim. 2 Munkum anantwi anaa nguan sɛ Twam afɔrebɔde mma Awurade, mo Nyankopɔn no, wɔ faako a Awurade beyi sɛ atenae wɔ ne din mu no. 3 Munnni mmɔkaw brodo nka ho; na mmom, nnanson so na munni apiti amanehunu brodo, efisɛ mufii Misraim ɔhare so, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nkwanna nyinaa mu no mobɛkae bere a mutu fii Misraim no. 4 Mommma wonhu sɛ mowɔ mmɔkaw wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma nam a mode bɔɔ afɔre da a edi kan no anwummere no nka gya so nkosi anɔpa. 5 Mommɔ Twam Afahyɛ afɔre no wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu biara so, 6 gye faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no. Ɛhɔ na mommɔ Twam afɔre no anwummere mfa nni mo Misraimfi bere no afahyɛ. 7 Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no. Na ade kye a, monsan nkɔ mo ntamadan mu. 8 Nnansia na momfa nni apiti, na ne nnanson so no, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Na saa da no, obiara nyɛ adwuma. 9 Mumfi bere a mubefi ase atwa atoko no nkan nnaawɔtwe ason. 10 Na monhwɛ sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, asi ahyira mo no so mfi mo pɛ mu mmɔ afɔre, nnyina so nni Asese Afahyɛ no mma Awurade, mo Nyankopɔn no. 11 Na munnye mo ani wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ atenae ma ne din no. Mo ne mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu ne ahɔho, nyisaa ne akunafo a wɔne mo te nyinaa. 12 Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yiye na munni saa mmara yi nyinaa so. 13 Sɛ moboaboa mo awiporowbea ne mo nsakyi amoa mu ade ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. 14 Munnye mo ani wɔ mo afahyɛ yi se; mo ne mo abusuafo, mo asomfo ne Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo a wofi mo nkurow mu. 15 Momfa nnanson nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, anuonyam wɔ faako a ɔbɛpaw, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔma mo nnɔbae bɔ pii na ohyira mo nnwuma nyinaa so; na mo anigye bewie pɛyɛ. 16 Afe biara mu no, ɛsɛ sɛ mo mmarima no nyinaa hyia wɔ mo Awurade, mo Nyankopɔn no, anim faako a ɔbɛpaw no mprɛnsa de ama Apiti Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan. 17 Ɛsɛ sɛ obiara de akyɛde a ɛne nhyira a Awurade, mo Nyankopɔn no, nhyira no no sɛ ba. 18 Munsisi atemmufo ne mpanyimfo mfi mo mmusuakuw biara mu wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu, na wobebu nnipa no atɛntrenee. 19 Mummmu ntɛnkyew anaa monnhwɛ nnipa anim mmu atɛn. Monnnye adanmude, efisɛ adanmude fura onyansafo ani ma ɔdan nea odi bem no asɛm ani. 20 Mummu atɛntrenee nkutoo, na ama moatumi atena asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so. 21 Mummfi afɔremuka a mubesi ama Awurade, mo Nyankopɔn no, akyi nsi abosonnua foforo biara, 22 na munnsi ɔbo kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, kyi eyinom.

< 5 Mose 16 >