< Kolosefo 2 >

1 Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wonhuu me da no hu aperepere dennen a meredi wɔ wɔn ho. 2 Me botae ne sɛ wobenya nkuranhyɛ wɔ wɔn koma mu, na wɔatena ase ɔdɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ntease a ewie pɛyɛ. Na wobehu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no. 3 Ɔno so na wɔnam hu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene. 4 Meka kyerɛ mo se mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo. 5 Ɛwɔ mu sɛ minni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidi so aka mo ho abɔ mu gyina hɔ pintinn. 6 Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura nti, mo ne no mmom ntena. 7 Munnye ntin na munyin wɔ ne mu; na mo gyidi mu nyɛ den daa, sɛnea wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase. 8 Monhwɛ yiye na obi amfa ne nnaadaa a efi nnipa nkyerɛkyerɛ ne wiase ahonhom mu a emfi Kristo no amfa mo nnommum. 9 Efisɛ Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo nipadua mu, 10 na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidi ne mpanyinni biara hyɛ Kristo ase. 11 Mo ne no ka bɔɔ mu no, wotwaa mo twetia a ɛnyɛ nnipa na wotwaa mo, na mmom ɛyɛ Kristo no ankasa na otwaa mo twetia de twee mo fii nipadua a ɛho ntew no tumi ase. 12 Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyan mo ne no fii awufo mu, efisɛ na mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn tumi a enyan Kristo fii awufo mu no mu. 13 Esiane mo bɔne nti, bere bi a atwam no na moyɛ honhom mu awufo ne amanamanmufo a munni Mmara. Nanso afei Onyankopɔn anyan yɛn ne Kristo. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn. 14 Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asennua so kɔbɔɔ no asennua mu. 15 Ɛhɔ na Kristo dii mpanyinni ne tumidi nyinaa so. Ɔmaa wiase nyinaa huu sɛnea ɔfaa wɔn sɛ nneduafo, bere a ɔhyɛɛ ne nkonimdi ho fa no. 16 Enti mommma obiara nhyehyɛ mmara a ɛfa nea mudi anaa nea monom, nna kronkron anaa ɔsram foforo afahyɛ anaa nea ɛfa homenna ho mmma mo. 17 Saa nneɛma no nyinaa yɛ daakye mu nsɛm sunsuma. Kristo ne hann no. 18 Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfo nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehu. Saa ahantanfo yi wɔ anifere su. 19 Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ nipadua no nyinaa ti no de bio. Kristo na ɔma nipadua no ahoɔden na ɔka nipadua no akwaa nyinaa bɔ mu ma enyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no. 20 Mo ne Kristo awu nti moatew mo ho afi ahonhom a wodi wiase so no ho. Adɛn nti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa wiase no ase? Adɛn nti na mudi saa mmara a ese, 21 “Munnso eyi mu!” “Munnni eyi!” “Mommfa mo nsa nka!” no so? 22 Saa mmara ahorow yi a ne dwumadi bɛsɛe no nyinaa yɛ nea egyina nnipa ahyɛde ne ne nkyerɛkyerɛ huhuw bi so. 23 Ayɛ sɛ saa Mmara yi sodi ye pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so.

< Kolosefo 2 >