< 2 Beresosɛm 6 >

1 Na Salomo bɔɔ mpae se, “Awurade, woaka se wobɛtena omununkum kabii mu. 2 Afei, masi Asɔredan a ɛho wɔ nyam ama wo, baabi a wubetumi atena afebɔɔ.” 3 Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se, 4 “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, efisɛ ɔka kyerɛɛ mʼagya se, 5 ‘Efi da a miyii me nkurɔfo fii Misraim no, minyii kuropɔn biara mfii Israel mmusuakuw no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wosi Asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Ɛnna nso, minyii ɔhene biara sɛ onni me nkurɔfo Israelfo anim. 6 Nanso afei mayi Yerusalem sɛ kuropɔn no, ne Dawid sɛ ɔhene no.’” 7 Afei, Salomo kae se, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ osi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam. 8 Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, ‘Eye sɛ wopɛ sɛ wusi asɔredan de hyɛ me din anuonyam, 9 nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmabarima no mu baako na obesi.’ 10 “Na afei Awurade ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, efisɛ efisɛ madi ade sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam. 11 Ɛhɔ na mede Adaka no asi, na Adaka no mu nso na apam a Awurade ne Israelfo yɛe no hyɛ.” 12 Na Salomo trɛw ne nsam wɔ Awurade afɔremuka ne Israel manfo no nyinaa anim. 13 Na wabɔ kɔbere mfrafrae apa a ne ntwemu yɛ anammɔn ason ne fa, ne trɛw yɛ anammɔn ason ne fa, na ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa, de asi asɔredan no adiwo mfimfini. Ogyinaa apa no so wɔ nnipa no nyinaa anim. Obuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ ɔsoro. 14 Ɔbɔɔ mpae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wotie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛde nyinaa. 15 Wo bɔ a wohyɛɛ wo somfo Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na nnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu. 16 “Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn kɔ so di wo bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ, woka kyerɛɛ no se, ‘Sɛ wʼasefo bɔ wɔn bra yiye, na wodi me mmara so sɛnea woayɛ no a, wobedi Israel so hene daa daa.’ 17 Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn, di saa bɔ a woahyɛ wo somfo Dawid no so. 18 “Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo. 19 Tie me mpaebɔ ne mʼabisade, Awurade, me Nyankopɔn. Tie sufrɛ ne mpae a wo somfo rebɔ no. 20 Hwɛ saa Asɔredan yi so, baabi a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpae a mebɔ wɔ ha no. 21 Tie mʼahobrɛase ne nokware adebisa a me ne wo nkurɔfo Israelfo bɔ mpae wɔ ha de to wʼanim no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro faako a wote no; na sɛ wote nso a, fa kyɛ. 22 “Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ onnim ho hwee wɔ afɔremuka no anim wɔ Asɔredan no mu a, 23 tie fi ɔsoro, na bu wʼasomfo baanu no a ɛyɛ nea wɔabɔ no sobo no ne sobobɔfo no ntam atɛn. Nea odi fɔ no, twe nʼaso na gyaa nea odi bem no. 24 “Sɛ wo nkurɔfo Israelfo yɛ bɔne tia wo, na ɛno nti wɔn atamfo di wɔn so nkonim na wɔsan ba wo nkyɛn, bɔ wo din na wɔbɔ wo mpae wɔ Asɔredan yi mu a, 25 tie fi ɔsoro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsan nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so. 26 “Sɛ wo nkurɔfo yɛ bɔne tia wo, na ɛno nti wɔto ɔsoro mu na osu antɔ na wɔbɔ mpae wɔ Asɔredan yi mu, bɔ wo din, twe wɔn ho fi wɔn bɔne ho, efisɛ woatwe wɔn aso a, 27 tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn ade trenee yɛ, na tɔ osu gu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo sɛ wɔn agyapade sononko no so. 28 “Sɛ ɔkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa nnɔbae nyarewa ba anaa mmoadabi ne asa begu nnɔbae so, anaa wo nkurɔfo atamfo ba asase no so betua wɔn nkurow a, sɛnea ɔhaw no te biara no, 29 sɛ wo nkurɔfo bɔ mpae wɔ wɔn haw ne awerɛhow ho, na wɔpagyaw wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a, 30 tie fi ɔsoro, nea wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛfata wo nkurɔfo no ma wɔn, na wo na wunim wɔn koma mu, efisɛ wo nko ara na wunim nnipa koma mu. 31 Ɛno akyi no wobesuro wo na wɔanantew wʼakwan so mmere dodow a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so. 32 “Na sɛ ananafo te wo nka ne wo nsɛnkyerɛnne akɛse no, na wofi akyirikyiri bɛsom wo din kɛse no, bɔ mpae de wɔn ani kyerɛ Asɔredan yi a, 33 tie fi ɔsoro nea wote hɔ, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ahu, asuro wo, sɛnea wo nkurɔfo Israelfo no yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔn nso behu sɛ, wo din na ɛda saa Asɔredan a masi yi so. 34 “Sɛ wohyɛ wo nkurɔfo ma wopue, kɔko tia wɔn atamfo, na sɛ wɔbɔ mpae, srɛ Awurade fa saa kurow yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a, 35 tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. 36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo mpo a, hena na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo befuw wɔn ama wɔn atamfo adi wɔn so, afa wɔn nkoa de wɔn akɔ ananasase so, sɛ ɛwɔ akyiri anaa ɛbɛn. 37 Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’ 38 na sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, bɔ mpae fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi ho a, 39 tie wɔn mpaebɔ no fi ɔsoro, nea wote hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfo ayɛ atia wo no kyɛ wɔn. 40 “Afei me Nyankopɔn, bue wʼaniwa na wɛn wʼaso tie mpae a wɔbɔ wɔ ha no nyinaa. 41 “Afei, Awurade Nyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea, 42 “Awurade Nyankopɔn, nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.

< 2 Beresosɛm 6 >