< Adiyisɛm 2 >

1 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se: Eyi ne nsɛm a efi obi a okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no hɔ.
Och skrif den församlings Ängel i Epheso: Detta säger han, som hafver sju stjernor i sine högra hand, den der vandrar midt ibland de sju gyldene ljusastakar.
2 Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔka se wɔyɛ asomafo nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahu sɛ wɔyɛ atorofo.
Jag vet dina gerningar, och ditt arbete, och ditt tålamod, och att du icke må lida de onda, och hafver försökt dem som säga att de äro Apostlar, och äro dock icke, och hafver befunnit dem ljugare.
3 Wowɔ boasetɔ, na me nti woahu amane bebree, nanso wompaa abaw ɛ.
Och du lider och hafver tålamod, och arbetar för mitt Namns skull, och är icke trött vorden.
4 Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me sɛnea kan no na wodɔ me no.
Men jag hafver emot dig, att du den första din kärlek öfvergifvit hafver.
5 Hu ba a woaba fam no. Sakra wʼadwene na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woansakra wʼadwene a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibea.
Betänk derföre hvaraf du fallen äst, och bättra dig, och gör de första gerningarna; hvar det icke sker, då varder jag dig snarliga kommandes, och skall bortstöta din ljusastaka af sitt rum, utan du bättrar dig.
6 Nanso nea eye wɔ wo ho ne sɛ, wukyi nea Nikolaifo no yɛ no, na saa ara na me nso mikyi.
Men detta hafver du, att du hatar de Nicolaiters verk, hvilka jag ock hatar.
7 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.
Den der öra hafver, han höre hvad Anden säger församlingarna: Den der vinner, honom vill jag gifva äta af lifsens trä, som är i Guds Paradis.
8 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Smirnaasafo no ano se: Saa asɛm yi fi Ɔkannifo ne Okyikafo no nkyɛn. Nea owui na ɔte ase bio no.
Och skrif den församlings Ängel i Smirnen: Detta säger den förste och den siste, den död var, och är lefvandes vorden:
9 Minim amane a wuhu maa Awurade na minim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ ɔsoro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam hyiadan.
Jag vet dina gerningar och din bedröfvelse, och din fattigdom (men du äst rik), och hädelse af dem som sig säga vara Judar, och äro icke, utan äro Satans hop.
10 Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.
Frukta intet för något, som du lida skall. Si, djefvulen skall kasta några af eder i fängelse, på det I skolen försökte varda, och hafva bedröfvelse i tio dagar. Var trofast intill döden, så skall jag gifva dig lifsens krono.
11 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu.
Den der öra hafver, han höre hvad Anden säger församlingarna. Den der vinner, han skall ingen skada få af den andra döden.
12 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Pergamo asafo mu se: Saa krataa yi fi nea ɔwɔ afoa anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.
Och skrif den församlings Ängel i Pergamen: Detta säger han, som hafver det skarpa tveeggade svärdet:
13 Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.
Jag vet dina gerningar, och hvar du bor, att der Satans säte är; och du håller mitt Namn, och hafver icke nekat mina tro; och i de dagar är Antipas, mitt trogna vittne, dödader när eder, der Satan bor.
14 Nanso nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wodi Bileam nkyerɛkyerɛakyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfo dii abosom so nnuan, kyerɛɛ wɔn aguamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no.
Men jag hafver något litet emot dig; ty du hafver der dem, som hålla Balaams lärdom, hvilken lärde genom Balak åstadkomma förargelse för Israels barn, till att äta af det afgudom offradt var, och bedrifva boleri;
15 Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wodi Nikolaifo nkyerɛkyerɛ akyi.
Så hafver du ock dem, som hålla de Nicolaiters lärdom, hvilket jag hatar.
16 Twe wo ho fi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn, na mede afoa a efi mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.
Bättra dig; annars skall jag dig snarliga komma, och skall strida med dem, med mins muns svärd.
17 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahintaw no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɔbo fitaa a wɔakyerɛw din foforo wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.
Den der öra hafver, han höre hvad Anden säger församlingarna. Den der vinner, honom vill jag gifva äta af det fördolda Manna, och vill gifva honom ett godt vittnesbörd, och med det vittnesbörd ett nytt namn beskrifvet, det ingen känner, utan den det får.
18 “Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se: Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛw sɛ ogyatannaa a ne nan ase hyerɛn sɛ asanka no nkyɛn.
Ock skrif den församlings Ängel i Thyatira: Detta säger Guds Son, som ögon hafver såsom eldslåge, och hans fötter lika som messing;
19 Minim nea woyɛ. Minim wo dɔ, wo gyidi, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ woreyɛ adwuma sen kan no.
Jag vet dina gerningar, och din kärlek, och dina tjenst, och dina tro, och ditt tålamod, och dina gerningar, de sista flere än de första.
20 Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wugyee ɔbea bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifo no too mu. Saa ɔbea yi kyerɛkyerɛ, na odi mʼasomafo anim ma wɔbɔ aguaman di abosom aduan.
Men jag hafver något litet emot dig, att du tillstädjer den qvinnan Jesabel, som säger att hon är en Prophetissa, lära och bedraga mina tjenare, bedrifva boleri, och äta af det afgudom offradt är.
21 Mama no bere sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi nʼaguamammɔ mu.
Och jag hafver gifvit henne tid, att hon skulle bättra sig af sitt boleri; och hon hafver intet bättrat sig.
22 Ɛno nti, sɛ wɔansakra amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye.
Si, jag skall lägga henne i sängena; och de som med henne hor bedrifva, skola komma uti aldrastörsta bedröfvelse, om de icke bättra sig af sina gerningar.
23 Afei, mekunkum nʼakyidifono, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ.
Och hennes barn skall jag dräpa; och alla församlingar skola veta, att jag är den som ransakar njurar och hjerta; och skall gifva hvarjom och enom af eder efter hans gerningar.
24 Nanso mo mu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no, ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka kyerɛ mo se, meremfa adesoa foforo biara nto mo so.
Men eder säger jag, och androm som i Thyatira ären, som icke hafva sådana lärdom, och icke hafva förstått Satans djuphet, såsom de säga: Jag skall icke lägga på eder några andra bördo.
25 Na munso nea mowɔ no mu dennen nkosi sɛ mɛba.
Dock hvad I hafven, det håller, så länge jag kommer.
26 Wɔn a wodi nkonim na wɔkɔ so yɛ nea mepɛ kosi awiei no, mede tumi koro no ara a minya fii
Och den der vinner, och håller min verk intill ändan, honom skall jag gifva magt öfver Hedningarna;
27 mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dade pema adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkuku.
Och han skall regera dem med jernris; och han skall sönderkrossa dem såsom en pottomakares käril;
28 Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn.
Såsom jag ock fått hafver af minom Fader, och vill gifva honom morgonstjernona.
29 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.
Den der öra hafver, han höre hvad Anden säger församlingarna.

< Adiyisɛm 2 >