< Nnwom 97 >

1 Awurade di hene, ma asase ani nnye; ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho. 2 Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia; trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem. 3 Ogya di nʼanim na ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa. 4 Nʼanyinam hyerɛn wiase; asase hu na ne ho popo. 5 Mmepɔw nan sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim. 6 Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛ na aman nyinaa hu nʼanuonyam. 7 Ahonisomfo nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no, anyame nyinaa monsɔre no. 8 Sion te, na ne ho sɛpɛw no na Yuda nkuraa ani gye Awurade, esiane wʼatɛntrenee nti. 9 Wo, Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu. 10 Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyi bɔne, ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho ban na ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam. 11 Hann hyerɛn wɔ atreneefo so na anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so. 12 Momma mo ani nnye Awurade mu, mo a moyɛ atreneefo, na monkamfo ne din kronkron no.

< Nnwom 97 >