< Nnwom 88 >

1 Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sanku so. Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom. Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae. 2 Ma me mpaebɔ nnu wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. 3 Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owu. (Sheol h7585) 4 Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no; mete sɛ obi a onni ahoɔden. 5 Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu, te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio. 6 Woatow me akyene ɔda ase tɔnn, wɔ sum kabii mu. 7 Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so; woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. 8 Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn woama me ho ayɛ wɔn ahi. Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan; 9 awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu. Awurade misu frɛ wo da biara; metrɛw me nsam kyerɛ wo. 10 Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana? Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana? 11 Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu, anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana? 12 Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum, anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana? 13 Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me; me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu. 14 Adɛn, Awurade, na wopo me na wode wʼanim hintaw me? 15 Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu; wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw. 16 Wʼabufuwhyew abu afa me so; wʼahunahuna asɛe me. 17 Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri, na wɔabu afa me so koraa. 18 Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ; na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ.

< Nnwom 88 >