< Nnwom 87 >

1 Koramma dwom. Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so; 2 Awurade dɔ Sion apon no sen Yakob atenae nyinaa. 3 Wɔka wo ho anuonyamsɛm Onyankopɔn kuropɔn: 4 “Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso na maka se, ‘Wɔwoo eyinom wɔ Sion.’” 5 Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se, “Wɔwoo oyi ne ɔno wɔ no mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim hɔ.” 6 Awurade bɛkyerɛw wɔ nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se, “Wɔwoo oyi wɔ Sion.” 7 Na wɔbɛto dwom se, “Me ntin nyinaa wɔ wo mu.”

< Nnwom 87 >