< Nnwom 65 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Yɛn Nyankopɔn, ayeyi retwɛn wo wɔ Sion, na yebedi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.
[For the Chief Musician. A Psalm by David. A song.] Praise awaits you, God, in Zion. And to you shall vows be performed.
2 Wo a woyɛ mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.
You who hear prayer, to you all men will come.
3 Bere a yɛn bɔne menee yɛn no, wo na wode yɛn mmarato kyɛɛ yɛn.
Sins overwhelmed me, but you atoned for our transgressions.
4 Nhyira nka wɔn a wuyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadiwo hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi ahyɛ yɛn ma, nea ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.
Blessed is the one you choose and bring near, that he may dwell in your courts. We will be filled with the goodness of your house, your holy temple.
5 Wode trenee nnwuma a ɛyɛ nwonwa ma yɛn mmuae, Onyankopɔn, yɛn agyenkwa, asase so mmaa nyinaa anidaso ne po so akyirikyiri nso.
By awesome deeds of righteousness, you answer us, God of our salvation. You who are the hope of every part of the earth, of those who are far away on the sea;
6 Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔw de daa wʼahoɔden adi.
Who by his power forms the mountains, having armed yourself with strength;
7 Wudwudwoo po asorɔkye ano, asorɔkye no mmobɔwee, ne amanaman no hooyɛ.
who stills the roaring of the seas, the roaring of their waves, and the turmoil of the nations.
8 Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwonwade; faako a ade kye, nea anwummere yera, wofrɛ ahurusi nnwom wɔ hɔ.
They also who dwell in faraway places are afraid at your wonders. You call the morning's dawn and the evening with songs of joy.
9 Wohwɛ asase no gugu so nsu; woma no yɛ asase pa ma ɛboro so. Wode nsu hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma sɛnea ɛbɛma nnipa no aduan, efisɛ saa ne nea woahyɛ.
You visit the earth, and water it. You greatly enrich it. The river of God is full of water. You provide them grain, for so you have ordained it.
10 Wofɔw nea woafuntum hɔ no fɔkyee na wokaa nkɔmoa no kataa so; wode nsu petee so ma no yɛɛ bɛtɛɛ na wuhyiraa so afifide.
You drench its furrows. You level its ridges. You soften it with showers. You bless it with a crop.
11 Wode nnɔbae bebree wiee afe no, na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.
You crown the year with your bounty. Your carts overflow with abundance.
12 Sare so nwura dɔɔso na anigye baa nkoko so.
The wilderness grasslands overflow. The hills are clothed with gladness.
13 Nguankuw ahyɛ adidibea hɔ ma na awi akata aku no so; wɔbɔ ose, to ahosɛpɛw dwom.
The pastures are covered with flocks. The valleys also are clothed with grain. They shout for joy. They also sing.

< Nnwom 65 >