< Nnwom 64 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Me Nyankopɔn, tie me, bere a mereka me haw; bɔ me kra ho ban fi ɔtamfo ahunahuna ho. 2 Fa me sie fi amumɔyɛfo agyinatu ho, ne nnebɔneyɛfo pɔwbɔ ho. 3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ afoa na wɔde atirimɔden nsɛm sɔn sɛ mmɛmma werɛmfo. 4 Wofi ahintawee mu, tow bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔtow bɔ no mpofirim a wonsuro. 5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho, wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie; wɔka se, “Hena na obehu yɛn?” 6 Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se, “Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!” Ampa ara onipa koma ne nʼadwene yɛ anifere. 7 Nanso Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn; na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ. 8 Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛe mu; na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko. 9 Adesamma nyinaa besuro; wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma na wɔasusuw nea wayɛ ho. 10 Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade mu na wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu; ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ!

< Nnwom 64 >