< Nnwom 61 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaebɔ. 2 Mifi asase ano frɛ wo, mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so. 3 Woayɛ me guankɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no. 4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase. 5 Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn; na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me. 6 To ɔhene nkwanna mu bebree; na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso. 7 Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daa fa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban. 8 Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.

< Nnwom 61 >