< Nnwom 56 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so. Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat no. Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so; da mu nyinaa womia wɔn taa no mu. 2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso. 3 Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so. 4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me? 5 Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne; bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me. 6 Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw, wɔhwɛ mʼanammɔntu, susuw sɛ wobekum me. 7 Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni; Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu. 8 Kyerɛw me kwadwom to hɔ; sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu. Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana? 9 Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a, mʼatamfo bɛsan wɔn akyi. Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa. 10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no, 11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me? 12 Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo. 13 Efisɛ, woagye me afi owu mu, na mʼanan anhintiw, na matumi anantew Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann no mu.

< Nnwom 56 >