< Nnwom 49 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Koramma dwom. Muntie, mo saa nnipa yi nyinaa; monyɛ aso, mo a mowɔ wiase yi mu nyinaa, 2 nea ɔyɛ abomfiaa ne nea odi mu, adefo ne ahiafo nyinaa. 3 Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu. 4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie mmebusɛm; na sanku na mede bɛkyerɛ mʼabisae ase. 5 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba, bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia, 6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho? 7 Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn, 8 nkwa ho mpata bo yɛ den, akatua biara renso, 9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhu porɔwee. 10 Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu; saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu, na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo. 11 Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ, wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu, ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so. 12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wowu no ara. 13 Eyi ne nea ɛda hɔ ma wɔn a wogye wɔn ho di, ne wɔn akyidifo a wɔfoa wɔn nsɛm so. 14 Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu, na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan. Atreneefo bedi wɔn so anɔpa; wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu, na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware. (Sheol h7585) 15 Nanso Onyankopɔn begye me afi ɔda mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. (Sheol h7585) 16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo; na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo; 17 efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ, nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu. 18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye, 19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no. 20 Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no te sɛ mmoa a wowu.

< Nnwom 49 >