< Nnwom 47 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Koramma dwom. Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; momfa anigye nteɛ mu mfrɛ Onyankopɔn. 2 Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwonwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛse wɔ asase nyinaa so! 3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn anan ase. 4 Oyii yɛn agyapade maa yɛn, nea ɛyɛ Yakob a ɔdɔ no no ahohoahoade. 5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigye nteɛteɛmu mu, Awurade wɔ torobɛnto nnyigyei mu. 6 To ayeyi nnwom ma Onyankopɔn, to ayeyi nnwom; to ayeyi nnwom ma yɛn Hene, to ayeyi nnwom. 7 Efisɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Hene. Monto ahurusi nnwom mma no. 8 Onyankopɔn di hene wɔ amanaman no so; Onyankopɔn te nʼahengua kronkron so. 9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano sɛ Abraham Nyankopɔn nkurɔfo, efisɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn de; na wɔma no so kɛse.

< Nnwom 47 >