< Nnwom 46 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Koramma dwom. Wɔto no “alamot” sanku nne so. Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara. 2 Enti sɛ asase ani dan butuw, na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro, 3 sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro. 4 Asuten bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beae kronkron a Ɔsorosoroni no te. 5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema. 6 Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nan. 7 Asafo Awurade ka yɛn ho. Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban. 8 Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛe a ɔde aba asase no so. 9 Ɔma akodi gyae kosi asase ano. Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw; ɔde ogya hyew nkatabo. 10 Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so. 11 Asafo Awurade ka yɛn ho; Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.

< Nnwom 46 >