< Nnwom 45 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “lilie” sanku dwontobea na ɛtoe. Koramma dwom. Ayeforohyia dwom. Botae bi a edi mu akanyan me koma bere a merebɔ ɔhene mmran no; me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua. 2 Wudi mu koraa wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti. 3 Fa wʼafoa bɔ wo nkyɛn mu, okokuroko; fa anuonyam ne kɛseyɛ fura. 4 Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdi so wɔ nokware, ahobrɛase ne trenee mu; ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi. 5 Ma wo bɛmma nnamnam no nhwirew ɔhene atamfo koma mu; na ma amanaman nhwe wʼanan ase. 6 Ao Onyankopɔn, wʼahengua no bɛtena hɔ daa daa; trenee ahempema bɛyɛ wʼahenni no ahempema. 7 Wodɔ trenee na wukyi bɔne. Ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn de wo asi wo mfɛfo so, na ɔde anigye ngo asra wo. 8 Kurobow, pɛprɛ ne bɛwewonua hua agye wo batakari mu nyinaa; sanku so nnwom a efi ahemfi a wɔde asonse asiesie ho mu ma wʼani gye. 9 Ahemfo mmabea ka wo mmea atitiriw ho; wo nsa nifa so na ayeforo dehye a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. 10 Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie; ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi. 11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no ni, efisɛ ɔno ne wo wura. 12 Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba; mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo. 13 Ɔhene babea a ɔwɔ ne pia mu no yɛ onuonyamfo wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatade yuu mu. 14 Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene; ne mfɛfo mmabun di nʼakyi na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo. 15 Wɔde ahosɛpɛw ne anigye kɔ mu; wɔhyɛn ɔhempɔn no ahemfi. 16 Wo mmabarima besi wʼagyanom anan mu wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa. 17 Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu; ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.

< Nnwom 45 >