< Nnwom 40 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Mede boasetɔ twɛn Awurade; na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ. 2 Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu, fii dɔte ne dontori mu; ɔde mʼanan sii ɔbotan so na ɔmaa me baabi pa gyinae. 3 Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom, ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn. Bebree behu na wɔasuro, na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu. 4 Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotoso, nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so, ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi. 5 Awurade me Nyankopɔn woayɛ anwonwade bebree. Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm a ɛbɛdɔɔso dodo. 6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, nanso woabue mʼaso; woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre. 7 Na mekae se, “Mini, maba, sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no. 8 Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde; wo mmara wɔ me koma mu.” 9 Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase; mimmua mʼano, Awurade, sɛnea wunim no. 10 Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu; meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm. Mankata wʼadɔe ne wo nokware so wɔ guabɔ kɛse no ase. 11 Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so; ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa. 12 Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio. Ɛdɔɔso sen me ti so nwi, na me koma abotow wɔ me mu. 13 Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me; Awurade, bra ntɛm bɛboa me. 14 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa, ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe no mfa aniwu nsan wɔn akyi. 15 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti. 16 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, “Awurade yɛ ɔkɛse!” 17 Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; ma Awurade nnwen me ho. Wo ne me boafo ne me gyefo; wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm.

< Nnwom 40 >