< Nnwom 15 >

1 Dawid dwom. Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so? 2 Nea ne ho nni asɛm na ɔyɛ nea ɛteɛ, nea ɔka nokware a efi ne koma mu 3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa, 4 nea obu afideyɛni animtiaa na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade, nea odi ne ntam so, bere a etia no mpo, 5 nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho na onnye adanmude ntia nea odi bem. Nea ɔyɛ eyinom no renhinhim da.

< Nnwom 15 >