< Nnwom 144 >

1 Dawid de. Nkamfo nka Awurade, me Botan, nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee, ne me nsateaa ma ɔsa. 2 Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen, me bammɔ ne me gyefo, me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu, ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase. 3 Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no ho onipa ba a wudwen ne ho yi? 4 Onipa te sɛ ɔhome; ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu. 5 Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam; fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw. 6 Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete; to wo mmɛmma no ma wonguan. 7 Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam; gye me na yi me fi nsu akɛse ho, fi ananafo nsam, 8 wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. 9 Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo; mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo, 10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo, na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano. 11 Gye me na yi me fi ananafo nsam, wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. 12 Afei yɛn mmabarima mmerantebere mu bɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye, na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ adum a wɔasen de asiesie ahemfi. 13 Yɛn asan bɛyɛ amaama; aduan ahorow biara bɛba so. Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem, wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so; 14 yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru. Wɔrennwiriw afasu, yɛrenkɔ nkoasom mu, na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so. 15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.

< Nnwom 144 >