< Nnwom 140 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam; bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam, 2 wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma mu na wɔhwanyan ɔko mu da biara. 3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de; nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano. 4 Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam; bɔ me ho ban fi basabasayɛfo a wodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho. 5 Ahantanfo asum me afiri; wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu wɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so. 6 Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.” Awurade, tie me mmɔborɔsu. 7 Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo, wokata me ti so wɔ ɔko da, 8 nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade; mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye. 9 Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn. 10 Ma nnyansramma ngu wɔn so; ma wɔntow wɔn ngu ogya mu, ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio. 11 Mma dinsɛefo ase ntim asase no so; ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo. 12 Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee na odi onnibi asɛm ma no. 13 Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.

< Nnwom 140 >