< Nnwom 14 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Dawid dwom. Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa. 2 Awurade fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. 3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ. 4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana? Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan. Wonnsu mfrɛ Awurade? 5 Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn, efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu. 6 Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe, nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea. 7 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn. Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!

< Nnwom 14 >