< Nnwom 138 >

1 Dawid de. Awurade, mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ; mɛto wʼayeyi dwom wɔ “anyame” no anim. 2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wo na makamfo wo din wɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti, efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye; ama asen wo titiriwyɛ. 3 Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so; woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ. 4 Awurade, sɛ ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a, ma wɔnkamfo wo. 5 Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom, na Awurade anuonyam yɛ kɛse. 6 Ɛwɔ mu sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri. 7 Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de, nanso wobɔ me nkwa ho ban; woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so, na wode wo nsa nifa gye me nkwa. 8 Awurade bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu; Awurade, wʼadɔe wɔ hɔ daa, nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi.

< Nnwom 138 >