< Nnwom 134 >

1 Ɔsoroforo dwom. Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade, mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa. 2 Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ na monkamfo Awurade. 3 Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no, mfi Sion nhyira mo.

< Nnwom 134 >