< Nnwom 130 >

1 Ɔsoroforo dwom. Awurade, mifi bun mu su frɛ wo; 2 Awurade, tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ. 3 Awurade, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a, anka hena na obetumi agyina ano? 4 Nanso wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno nti wosuro wo. 5 Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ. 6 Metwɛn Awurade sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee, sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee. 7 Israel, ma wʼani nna Awurade so, efisɛ Awurade wɔ adɔe a enni huammɔ na ogye ankasa wɔ ne mu. 8 Ɔno ankasa begye Israel afi wɔn bɔne nyinaa mu.

< Nnwom 130 >